Numeri 15 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Aduan afɔrebɔ ho mmara

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mudu asase a morekɔtena so a me ara mede merema mo no so,

3Lew 7.16 na morebɔ ogya afɔre a efi anantwi anaa nguan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre a mode reyɛ aboade, anaa ɛyɛ ayamye afɔre anaa mo afahyɛ ase de, sɛ morema ayi hua huamhuam ama AWURADE a,

4Lew 6.14 ɛnne nea ɔde n'ayɛyɛde brɛ AWURADE no, ɔmfa aduan afɔre nso mmra, asikresam abupɛn du mu biako a wɔde ngo susutoa abupɛn anan mu biako afɔtɔw,

5Deut 28.7 ne ahwiesa susutoa abupɛn anan mu biako, na ɔmfa nka ɔhyew afɔre anaa okum afɔre guan ba biako ho.

6Na odwennini de, nea fa bɔ aduan afɔre ne asikresam abupɛn du mu abien a wɔde ngo afɔtɔw susutoa abupɛn abiɛsa mu biako,

7na fa ahwiesa susutoa abupɛn abiɛsa mu biako nso bra, na enyi hua huamhuam mma AWURADE.

8Na sɛ nantwi ba na wode rebɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre de ayɛ aboade, anaasɛ wode rebɛbɔ asomdwoe afɔre ama AWURADE a,

9ɛnne aduan afɔre a ɔmfa nka nantwi ba no ho ne asikresam abupɛn du mu abiɛsa a wɔde ngo susutoa fa afɔtɔw;

10na fa ahwiesa susutoa fa nso bra, na ɛnyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE.

11Saa na wɔnyɛ nantwi biara anaa odwennini biara anaa nguanten anaa mmirekyi mma no mu biara;

12sɛ afɔre a mobɛbɔ no dodow te no, saa ara na monyɛ wɔn mu biara, sɛ wɔn dodow te.

13Wɔn a wɔyɛ ɔman mma nyinaa nyɛ ade yi sa mfa mmɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE.

14Na sɛ ɔhɔho bi abɛsoɛ mo mu, anaa obi wɔ mo mu, mo awo ntoatoaso nyinaa mu na ɔpɛ sɛ ɔbɔ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma AWURADE a, sɛnea moyɛ no no, saa ara na ɔnyɛ no.

15Eks 12.49 Ɔman asafo mu no, ahyɛde biako na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no; ɔnyɛ daa ahyɛde mo awo ntoatoaso nyinaa mu: sɛnea mote no, saa nso na ɔhɔho nyɛ, AWURADE anim.

16Mmara koro ne atemmude koro na ɛnna hɔ mma mo ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu nyinaa.

17Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

18Ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mudu asase a mede mo merekɔ so no so,

19Eks 23.16, 19 na ɛba sɛ mudi asase no so aduan no bi a, momma soma ade so mma AWURADE,

20Deut 26.1-2 momfa mo mmɔre a edi kan bi tetare nyɛ soma ade; sɛ moyɛ awiporowbea soma ade no, saa ara na momma so;

21momfa mo mmɔrekan no bi mma AWURADE sɛ soma ade, mo awo ntoatoaso nyinaa mu.

22 Lew 4.2, 13 Na sɛ mofom na moanni mmara nsɛm a AWURADE aka akyerɛ Mose yi nyinaa so,

23nea AWURADE nam Mose so ahyɛ mo nyinaa, fi da a AWURADE hyɛɛ mmara no de rekodu mo awo ntoatoaso so no,

24na sɛ wɔfom awerɛfirim a ɔman no nnim a, ɛnne asafo no nyinaa mfa nantwinini biako mmɔ ɔhyew afɔre a eyi hua huamhuam mma AWURADE, ne n'aduan afɔre ne n'ahwiesa sɛ ne yɛbea te, ne ɔpapo biako, na ɔnyɛ bɔne ho afɔre.

25Na ɔsɔfo no mpata mma Israelfo asafo no nyinaa, na wɔde bekyɛ wɔn; efisɛ ɛyɛ ɔfom; na wɔn de, wɔn fom no nti wɔde wɔn ayɛyɛde aba de rebɛbɔ AWURADE gya afɔre ne wɔn bɔne ho afɔre, AWURADE anim;

26na wɔde bɛkyɛ Israelfo asafo no nyinaa ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no, efisɛ ɔman no nyinaa na wɔyɛ maa wɔn, ɔfom no mu.

27 Lew 4.27-28 Na sɛ ɔkra bi anhyɛ da na ɔyɛ bɔne a, ɛnne ɔmfa abirekyibere a wadi afe mmra mmɛbɔ bɔne ho afɔre,

28na ɔsɔfo no mpata mma ɔkra a ɔfomee awerɛfirim no, AWURADE anim, sɛ ɔrepata ama no; na wɔde bɛkyɛ no.

29Mmara biako na ɛnna hɔ mma mo mma nea ɔyɛ biribi awerɛfirim: nea ɔyɛ Israelfo mu kuromani, ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu.

30 Aso 13.38; Heb 10.26-27 Na ɔkra a ɔde anuɔden boapa yɛ biribi no, asase no soni oo, ɔhɔho oo, wasopa AWURADE, na wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene,

31efisɛ wabu AWURADE asɛm animtiaa na wabu ne mmara asɛm so: otwa na wobetwa saa ɔkra no akyene, n'amumɔyɛ da no so.

Wosiw homeda sɛefo abo

32Na Israelfo no wɔ sare so no, wokohuu ɔbarima bi a ɔrepɛ nnyina homeda;

33na nnipa a wohuu no sɛ ɔrepɛ nnyina no de no brɛɛ Mose ne Aaron ne asafo no nyinaa;

34Lew 24.12; Eks 31.14; 35.2 na wɔbɔɔ no dua mu, efisɛ wonnya nkyerɛɛ nea wɔnyɛ no ɛ.

35Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Okum na wonkum ɔbarima no, asafo no nyinaa nsiw no abo wɔ nsra no akyi.

36Ɛnna asafo no nyinaa de no fii adi kɔɔ nsra no akyi kosiw no abo ma owui, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Nnwow ho mmara

37Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

38Deut 22.12; Mat 23.5 Kasa kyerɛ Israelfo, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Wɔnyɛ wɔn ntama ano nnwow, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, na wɔmfa bibiri hama nsuso ntama ano nnwow no mu;

39na ɛnyɛ mo nnwow a mohwɛ kae AWURADE mmara nsɛm nyinaa yɛ, na moammɔre anni mo koma ne mo aniwa akyi, sɛnea motaa di akyi kɔbɔ aguaman no:

40nea ɛbɛyɛ na moakae me mmara nsɛm nyinaa ayɛ, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.

41Mene AWURADE mo Nyankopɔn a miyii mo fii Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help