Sirak 27 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Dodow no ara na ayɛ bɔne, mfaso nti,

na obiara a ɔpere sɛ obenya ne ho no, yi n'ani to nkyɛn.

2Sɛnea wopia dua so kɔ fam pintinn wɔ kwan a ɛda abo ntam no,

saa ara na wopia bɔne so hyɛ adetɔn ne adetɔ mu.

3Sɛ onipa annyina Awurade suro mu pintinn a,

bɔne bedi ne fi so ntɛm ara.

Abrabɔ mu sɔhwɛ

4Sɛ wo wosow sɔnee a, ase nwura no ka mu;

saa ara na ɔkasa ma wohu adwene a ɛwɔ onipa tirim.

5Fononoo sɔ ɔwemfo nkuku hwɛ,

nti nea wɔde sɔ onipa hwɛ no wɔ ne kasa mu.

6Aduaba no, na ɛda dua ko no adi;

nti saa ara na onipa kasa kyerɛ

sɛnea n'adwene yɛ adwuma.

7Nni kan nkamfo onipa

ansa na woatie nea ɔwɔ ka,

efisɛ eyi na wɔde sɔ nnipa hwɛ.

Akyɛde ne asotwe

8Sɛ wohwehwɛ trenee akyi kwan a, wo nsa bɛka no,

na woahyɛ no sɛ anuonyam atade.

9Nnomaa ne wɔn sɛso na wɔda bom,

Nti wɔn a wodi nokware no, nokwaredi ba wɔn so.

10Gyata butuw komm hwehwɛ nea obenya no akyere no,

na saa ara na bɔne nso, hwehwɛ abɔnefo akyi kwan.

Ɔkasa horow

11Onipa a osuro Nyame no, daa ne kasa yɛ anyansasɛm,

mmom ɔkwasea sakra ne kasa te sɛ ɔsram.

12Sɛ wohyɛ agyimifo mu a, nsɛe bere na twe wo ho,

nanso sɛ wohyɛ animdefo mu a, ɛno de hyɛ hɔ ara.

13Nkwaseafo kasa hyɛ abufuw,

na wɔn serew yɛ bɔne nso.

14Wɔn nnome ne ntanka ma nnipa bɔ hu,

na wɔn ntɔkwaw pii no ma afoforo sisiw wɔn aso.

15Ahantanfo ntɔkwaw no nsunsuanso ne mogyahwiegu,

na wɔn adapaabɔ, obi ntumi ntie.

Wɔde ahintasɛm pue gua

16 Mmb 20.19; 25.9 Obiara a ɔma ahintasɛm da adi no, sɛe awerɛhyɛm,

na ɔrennya ɔyɔnko a odi ne ho ni da.

17Dɔ wo yɔnko na di no nokware;

nanso sɛ woda n’ahintasɛm adi a, nni n'akyi bio.

18Na sɛnea obi sɛe n'atamfo no,

saa ara na woasɛe adamfofa no.

19Na sɛnea woma anomaa tu fi wo nsam guan kɔ no,

saa ara na woama wo yɔnko no kɔ, na wo nsa renka no bio.

20Nni n'akyi bio, efisɛ ɔkɔ akyiri dodo,

na wafi wo nsa sɛnea adowa afi afiri mu.

21Wɔbɛkyekyere apirakuru so,

na nkabom bɛba wɔ adapaabɔ akyi,

nanso obiara a wada ahitasɛm adi de,

anidaso nni hɔ mma no bio.

Nyaatwom ne animka

22Obiara a obu anikyew no, na ɔredwen nneyɛe bɔne ho,

na wɔn a wonim no no, bɛtwe wɔn ho efi ne ho.

23W’anim de ɔbɛka no dɔkɔdɔkɔ,

na wagyigye nea woka no ho;

nanso akyiri no ɔbɛdan ne kasa

na ɔde w'ankasa anom asɛm ayi wo ama.

24Makyi nneɛma pii, nanso saa onipa no de mikyi no kyɛn ade nyinaa;

Awurade mpo kyi no.

25Obiara a ɔtow ɔbo kɔ soro tee no,

ɔtow ba n'ankasa ti so,

na akutrukubɔ a nnaadaa wom no de apira kuru pii ba.

26Obiara a otu amoa no, bɛtɔ mu,

na obiara a osum afiri no, ɔno ara bɛtɔ mu.

27Sɛ obi yɛ bɔne a, ebepirew aba ɔno ara so,

na ɔrenhu beae a efi bae.

28Fɛwdi ne atɛmdidi fi ɔhantani hɔ,

nanso aweredi da hɔ retwɛn no sɛ gyata.

29Wɔn a wɔn ani gye sɛ Onyamesuroni ahwe ase no,

bɛtɔ afiri mu,

na ɔyaw bɛmene wɔn, ansa na wɔawu.

Abufuw ne aweredi

30Abufuw ne abufuhyew, ne nyinaa yɛ akyide,

nanso ɔbɔnefo kura eyinom mu ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help