Yohane 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔbaa oguamammɔfo bi

1Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔw no so.

2Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefi bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.

3Na Akyerɛwfo ne Farisifo no de ɔbea bi a wɔakyere no aguamammɔ mu bae; na wɔde no begyinaa mfinimfini no,

4wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, wɔakyere ɔbea yi aguamammɔ mu pɛɛ.

5Agya no ne ɔba no adansedi

12

37 Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu.

38Nea mahu Agya no nkyɛn na meka; na mo nso moyɛ nea moate mo agya no nkyɛn.

39Wobua see no sɛ: Yɛn agya ne Abraham. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ moyɛ Abraham mma a, anka mobɛyɛ Abraham nnwuma;

40na afei morehwehwɛ me akum me, me a maka mo nokware a mate Onyankopɔn nkyɛn no. Eyi de, Abraham anyɛ.

41Moyɛ mo agya nnwuma. Ɛnna wosee no sɛ: Wɔanwo yɛn aguamammɔ mu; Agya biako na yɛwɔ, ɔne Nyankopɔn.

42Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Sɛ mo Agya ne Nyankopɔn a, anka mobɛdɔ me; na me de, mifii Nyankopɔn mu na mebae. Nanso ɛnyɛ me na mehyɛɛ me ho mebae, na ɔno na ɔsomaa me.

43Adɛn nti na monte me kasa ase? Efisɛ muntumi ntie m’asɛm.

44Wobuu Yesu sɛ ɔwɔ honhommɔne

48 Yoh 7.20 Ɛnna Yudafo no bua see no sɛ: Yɛanka ampa sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne?

49Yesu buae sɛ: Me de, minni honhommɔne; na midi m’Agya no ni, na mo de, mobɔ me ahohora.

50Yoh 5.41 Me de, menhwehwɛ m’ankasa m’anuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛn.

51Yoh 6.40; 6.47 Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ, obi di m’asɛm so a, ɔrenhu wu ara da.

52Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Afei na yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifo no wuwui, na wo de, wuse: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owu nhwɛ ara da.

53Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni?

54Yesu buae sɛ: Sɛ mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nyɛ hwee; ɛyɛ m’Agya a moka sɛ ɔne mo Nyankopɔn no na ɔhyɛ me anuonyam.

55Yoh 7.28 Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.

56Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me; na ohui, na n’ani gyei.

57Ɛnna Yudafo no see no sɛ: Wunnya nnii mfirihyia aduonum, na wuhuu Abraham?

58Yesu see wɔn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokware mu sɛ, Abraham nnya mmae no, na mewɔ hɔ.

59Yoh 10.31 Ɛnna wɔtasee abo sɛ wɔbɛtow abɔ no, na Yesu hintawee na ofii asɔrefi hɔ kɔe.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help