Deuteronomium 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ahonisom ho kɔkɔbɔ

1Sɛ odiyifo anaa ɔdaesofo bi sɔre wo mu, na ɔma wo sɛnkyerɛnne anaa anwonwade bi,

2na sɛnkyerɛnne anaa anwonwade a ɔka kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkodi anyame foforo a wunnim wɔn akyi nkɔsom wɔn, a,

3Deut 8.2 ntie odiyifo anaa ɔdaesofo no nsɛm no, efisɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahu sɛ mode mo koma nyinaa ne mo kra nyinaa dɔ AWURADE mo Nyankopɔn anaa.

4AWURADE mo Nyankopɔn akyi na munni, na ɔno na munsuro no, na ne mmara nsɛm so na munni, na ne nne na muntie, na monsom no, na mommata ne ho.

5Deut 18.20; 1 Ko 5.9, 13 Na odiyifo anaa ɔdaesofo no, munkum no, efisɛ wakasa sɛ momman mfi AWURADE mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim asase so na ogyee mo fii nkoafi no ho de retwetwe wo afi ɔkwan a AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ nantew mu no so; na tu bɔne no fi wo mu.

6Sɛ wo nuammarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ w’ankasa wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a wo ne w’agyanom nnim wɔn,

7amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn wo anaasɛ wɔmmɛn wo fi asase ano kosi asase ano noho anyame bi a,

8mpene no na ntie no, na mma w’aniwa nnhu no mmɔbɔ, nanso nkyɛe no so na nhintaw no so,

9na okum na kum no, wo nsa na enni kan ntɔ no so sɛ worekum no, na ɛno akyi no ɔman no nyinaa nsa;

10na siw no abo ma onwu, efisɛ ɔhwehwɛ atwetwe wo afi AWURADE wo Nyankopɔn a oyii wo Misraim asase so fii nkoafi no ho;

11na Israel nyinaa ntie na wonsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte sɛɛ.

12Sɛ wote wo nkurow a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ:

13Mmarima mmabusufo bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfo sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a munnim wɔn, a,

14ɛnne pɛ mu hwehwɛ mu na bisabisa mu yiye; na hwɛ, sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ wo mu a,

15Deut 21.2 okum na fa nkrante kum kurow no mufo; fa nkrante sɛe ɛno ne nea ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasaa;

16na boaboa emu asade nyinaa ano gu abɔnten so, na fa ogya hyew kurow no ne emu asade no nyinaa sɛ afɔre mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo; wɔnnkyekyere bio.

17Yos 7 Na mma abusude no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnan mfi n’abufuhyew no ho, na onhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wɔnnɔɔso sɛnea ɔkaa w’agyanom ntam no;

18sɛ wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ nea ɛteɛ, AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help