Nnwom 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn anuonyam ne Onipa dibeaWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo nne so. Dawid dwom

1Ao! AWURADE, yɛn Awurade,

nim bɛn na wo din nni,

asase nyinaa so!

Wo a wode w’anuonyam akata ɔsoro,

2 Mat 21.16 wo a w’anuonyam pue mmofra ne nkokoaa anom

wo a woasiesie abankɛse, w’atamfo nti,

na wode amua ɔtamfo ne werefo ano.

3 Nnw 19.1 Sɛ mehwɛ wo soro,

wo nsatea ano adwuma,

ɔsram ne nsoromma a woasiesie a,

4 Nnw 144.3; Heb 2.6-9 ɔdesani ne hena a wokae no,

na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho!

5 Gye 1.26 Na woama aka no kakra na wasɛ Onyame,

wode anuonyam ne nidi na abɔ no abotiri.

6 Mat 28.18; 1 Ko 15.27 Woama wadi wo nsa ano nnwuma so,

wode nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase:

7Yiw nguan ne anantwi nyinaa

ne wuram mmoa nso,

8wim nnomaa ne po mu mpataa,

mmoa a ɛnam po mu akwan so.

9Ao! AWURADE, yɛn Awurade,

nim bɛn na wo din nni,

asase nyinaa so!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help