Sirak 32 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Aponton ase suban

1Sɛ wɔhyɛ wo adidi ase panyin a, mma wo ho so,

fa wo ho sɛ wɔn mu baako;

hwɛ wɔn ansa na woatena ase.

2Bere a woawie wo dwumadi no

kɔtena wo tenabea,

na wo ne wɔn ani nnye,

na woanya anuonyam wɔ wo dwumadi pa no ho.

3Mpanyimfo: Monkasa, efisɛ ɛyɛ mo asɛde,

nanso monka nea ɛteɛ pefee

na monsɛe nnwonto no.

4Beae a anigyede rekɔ so no, ɛyɛ a monnkasa,

monnkyerɛ mo nimdeɛ bere a ɛnsɛ mu.

5Nsɛnkyerɛnne a etim sika bi so no,

kyerɛ agoru ne anigye wɔ apontow ase.

6Dade nsɛnkyerɛnne a etim sika bi so fɛfɛɛfɛ no,

yɛ nnwom dɛdɛ a ɛne nsa pa kɔ.

7Aberante, sɛ wɔma wo ho kwan a, kasa

mmom mma ɛmmoro mpɛn abien, gye sɛ wɔma wo kwan ansa.

8Kasa tiaa, fa nsɛntiaa ka nsɛm a emu dɔ.

Kyerɛ sɛ wonim de, nanso wokora wo tɛkrɛma.

9Sɛ wowɔ atitiriwfo mu a, nyɛ wo ho sɛ wɔn atipɛnfo,

na sɛ obi nso rekasa a, mmuebue w’ano.

10Anyinam di kan ansa na ɔpranaa apae,

na nea ɔwɔ ahobrɛase su no, wɔgye no tom.

11Fi hɔ bere pa mu, nka akyi mfi hɔ;

kɔ fie ntɛm so na nkokyinkyin.

12Sɛpɛw wo ho wɔ hɔ, na yɛ nea wo koma pɛ

na mmom mfa ahantan kasa nyɛ bɔne.

13Nanso ne nyinaa mu no, hyira wo bɔfo,

nea ɔde nnepa hyɛ wo ma no.

Onyame tumi

14Nea osuro Awurade no, pene ne nteɛso so,

na wɔn a wɔsɔre anɔpahema hwehwɛ no no benya n'adom.

15Nea ɔhwehwɛ mmara no akyi kwan no wɔde bɛhyɛ no ma,

mmom nyaatwomni behintiw wɔ so.

16Wɔn a wosuro Awurade no bebu ntɛntrenee,

na wɔde trenee bɛnantew sɛ kanea.

17Onipa bɔnefo mpɛ animka,

na ɔno ara bɛfa adwene a ɔpɛ.

18Onipa a onim nyansa no rempo adwenkyerɛ

na ɔhantani ne ɔhomasofo nsuro hwee.

19Nyɛ biribi a adwene nna ho,

nanso sɛ wunya yɛ nso a, nnu wo ho.

20Mfa kwan a ɛso yɛ hu so,

na nhintiw adekoro mprennu.

21Nnye wo ho nni wɔ ɔkwan tamaa so.

22na hwɛ w’anammɔn yiye papaapa.

23Da wo ho so wɔ wo nneyɛe biara mu,

na eyi ne mmaransɛm no so di.

24Nea odi mmara no so no, bɔ ne ho ban

na nea ɔde ne werɛ ahyɛ Awurade mu no, ade pa biara remmɔ no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help