1 Mmb 16.11; 20.10; Lew 19.35 Nsisi nsenia yɛ AWURADE akyide,
na abrammokwanmu yɛ no anisɔ.
2 Mmb 16.18; 18.12 Ahantan ba a, na aniwu ba,
na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.
3 Nnw 52.5 Teefo pɛyɛ begya wɔn,
na nkontompofo nnaadaa bɛsɛe wɔn.
4 Mmb 10.2 Adedodow nye mma hwee abufuw da,
na trenee gye onipa fi owu mu.
5Pɛyɛfo trenee bɛteɛ ne kwan,
na ɔbɔnefo bɛhwe ase n’abɔnefosɛm mu.
6Teefo trenee begye wɔn,
na nkontompofo mmusubɔ mu na wɔbɛkyere wɔn.
7 Mmb 10.28 Onipa bɔne wu a, n’anidaso yera,
na amumɔyɛfo kwanhwɛ yera.
8 Mmb 21.18; Yes 43.3 Wobeyi ɔtreneeni afi ahohia mu,
na ɔbɔnefo abesi n’ananmu.
9Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko,
na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.
10Treneefo di yiye a, ɔman ho san wɔn,
na abɔnefo sɛe a, wohuro.
11 Mmb 28.12; 29.2 Teefo nhyira na ɛma kurow so,
na abɔnefo anom nsɛm na ɛbɔ kurow no.
12Nea oyi ne yɔnko ahii nni ti,
na ɔbadwemma mua n’ano.
13Osekufo nenam yi ahintasɛm adi,
na nea ɔwɔ nokware honhom kata asɛm so.
14Nea akwankyerɛ nni no, ɔman hwe ase,
na ɔmannwoe wɔ agyinatufo dodow mu.
15 Mmb 6.1-2 Nea odi hɔho agyinam no, ebewie no bɔne,
na nea ɔtan akagyinam no asom dwo no.
16Ɔbea a n’anim tew nya anuonyam,
na ɔhoɔdenfo nya ahonyade.
17Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye,
na otirimmɔdenfo haw n’ankasa honam.
18Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu,
na nea ogu trenee no nya nokware akatua.
19 Mmb 19.23 Nea otim trenee mu no kɔ nkwa mu,
na nea otiw bɔne no nya owu.
20AWURADE akyide ne koma kɔntɔnkyefo,
na wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ sɔ n’ani.
21Ampa ara ɔbɔnefo renni bem;
na treneefo asefo de, wobegye wɔn.
22 Mmb 31.30 Sɛ sika adwinni te, prako hwene mu no,
sɛ ɔbea hoɔfɛfo a onnim nea ɛfata te ne no.
23 Mmb 11.7 Treneefo ade a wɔpɛ yɛ papa nko;
abɔnefo anidaso dan wɔn abufuw.
24Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara;
na obi kyɛe so tena so, nanso ehia no ara.
25 Mmb 19.17 Ɔyamyefo bɛdɔ srade,
na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.
26Nea ɔkora aburow so no, nkurɔfo dome no,
na nhyira ba nea ɔtɔn no so.
27Nea ɔpɛ papa akyi kwan no hwehwɛ anisɔ,
na nea odi bɔne akyi no, ɛba no so.
28 Nnw 52.7-8 Nea ɔde ne ho to n’ahonyade so no bɛhwe ase,
na treneefo bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahaban.
29Nea ɔhaw ne fi bedi mframa,
na ogyimifo bɛyɛ komam nyansafo akoa.
30 Mmb 3.18; 15.4 Ɔtreneeni aba yɛ nkwa dua,
na onyansafo gye akra,
31 1 Pe 4.17-18 Hwɛ, sɛ wotua ɔtreneeni ka asase so a,
na menne ɔbɔnefo ne ɔdebɔneyɛfo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.