Eksodɔs 17 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nsu fi ɔbotan mu(Numeri 20.1-13)

1Na Israelfo asafo no nyinaa tu fii Sin sare so, wɔn atutena a wodii no AWURADE anom asɛm so no mu, na wɔbɛbɔɔ nsra wɔ Refidim; nso na nsu a ɔman no bɛnom nni hɔ

2Deut 6.16; 1 Ko 10.9 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?

3Nanso osukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose kae sɛ: Ɛdɛn nti na wuyii yɛn fii Misraim sɛ wode osukɔm rebekum yɛn ne yɛn mma ne yɛn mmoa yi?

4Deut 14.10 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Dɛn na menyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasiw me abo.

5 Eks 7.20 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sen di ɔman no anim, na fa Israel mpanyin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ asu no kura wo nsam kɔ.

6Deut 20.11; 1 Ko 10.4 Hwɛ, megyina w'anim wɔ Horeb ɔbotan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ sa wɔ Israel mpanyin no anim.

7Nnw 95.8-9 Na Israelfo no ham ne ɔsɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛe sɛ: So AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ onni yɛn mu no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba, ase ne: Sɔhwɛ ne Ɔham.

Wodi Amalek so nkonim

8Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim.

9Deut 13.8, 16 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na fi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me de, megyina koko no atifi, na makura Onyankopɔn poma no wɔ me nsam.

10Na Yosua yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ no no ne Amalek kɔkoe, na Mose ne Aaron ne Hur foroo koko no kɔɔ atifi.

11Na sɛ Mose ma ne nsa so a, na Israel adi nim, na sɛ ogyaa ne nsam a, na Amalek adi nim.

12Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔbo de too n'ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur susoo ne nsa mu, obiako wɔ ha, na obiako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kosii sɛ owia tɔe.

13Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrante ano.

14Deut 25.17-19; 1 Sa 15.2-3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw eyi hyɛ nhoma bi mu fa yɛ nkae, na ka hyɛ Yosua asom sɛ ɔpopa na mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase.

15Na Mose sii afɔremuka, na ɔtoo din Yahwe Nisi, (ase ne: Awurade ne me frankaa),

16na ɔkae sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bedi ako afi awo ntoatoaso so de akosi awo ntoatoaso so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help