3 Yohane 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nkyia ne ayeyi

1Me, ɔpanyin no, kyerɛw kɔma ɔdɔfo Gaio a medɔ no nokware mu no.

2 Yoh 1 Ɔdɔfo, miyi mpae sɛ, ade nyinaa mu, ensi wo yiye, na nya ahoɔden, sɛnea asi wo kra yiye.

32 Yoh 4 Bere a anuanom bi bae, na wobedii wo nokware ho adanse sɛnea wonam nokware mu no, m’ani gyei sɛ.

4Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.

5Ɔdɔfo, nea woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔho no, ne kwan so ara nen.

6Tito 3.13 Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim. Na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a na wayɛ no yiye.

7Aso 20.35; 1 Ko 9.12; 9.15 Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribiara.

8Heb 13.2 Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye saa nkurɔfo no, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.

Diotrefe ne Demetrio

9Mekyerɛw mekɔmaa asafo no. Na Diotrefe a ɔpɛ wɔn mu panyin adi no nnye yɛn ara.

10Eyi nti, sɛ meba a, mɛkae ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɔkeka yɛn ho nsɛmmɔne, na eyi mpo annɔɔ no so, na n’ankasa nnye anuanom no ntom, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no kwan, na otu wɔn fi asafo no mu.

111 Yoh 3.6; 3.9 Ɔdɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Nea ɔyɛ papa no fi Nyankopɔn mu, na nea ɔyɛ bɔne no nhuu Nyankopɔn.

12 Yoh 19.35; 21.24 Demetrio de, wɔn nyinaa di ne ho adanse, wɔ nokware mu, na yɛn nso yedi ne ho adanse, na wunim sɛ yɛn adanse yɛ nokware.

Awiei

13 2 Yoh 12 Anka mewɔ nsɛm pii mekyerɛw, nanso mempɛ sɛ mede adubiri ne kyerɛwdua kyerɛw brɛ wo.

14Na m’ani da so sɛ mehu wo ntɛm na yɛde ano ne ano akasa.

15Asomdwoe nka wo. Nnamfonom kyiakyia wo. Bobɔ nnamfonom no din mmiako mmiako kyia wɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help