Hiob 22 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Elifas, Ahonu ho afotu

1Ɛnna Temanni Elifas buae sɛ:

2Ɔdasani bi betumi adi mu Onyankopɔn anim anaa?

Hwɛ, onimdefo mpo, odi mu wɔ n'ankasa n'ani so.

3So Otumfo nya ho biribi sɛ woteɛ,

anaasɛ onya mfaso sɛ w’akwan di mu?

4So wo suro nti na ɔbɛka w’anim,

na ɔde wo akɔ atemmu mu anaa?

5So ɛnyɛ sɛ wo bɔne dɔɔso?

Na w’amumɔyɛ nni awiei.

6 Hiob 24.9-10; Eks 22.25-26; Yes 58.7 Sɛ woagye wo nuanom awowa kwa,

na woapa adagyafo ho ntama.

7 Mat 25.42-43 Woamma opititɔfo nsu annom,

na woakame nea odi kɔm aduan.

8Na onipa a ne basa mu yɛ den no, ɔno na asase wɔ no,

na nea ɔwɔ anuonyam no na ɔtena so.

9 Hiob 29.12 Woama mmea akunafo de nsapan kɔ,

na nyisaa abasa nso, wɔabubu.

10Enti na mfiri atwa wo ho ahyia,

na nketenkete yi wo hu mpofirim.

11Anaasɛ wunhu sum

ne nsu pii a akata wo so?

12So ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ?

Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛ ɛkorɔn fa!

13Na woka sɛ: Dɛn na Onyankopɔn nim?

So kusukuukuu akyi noho na obebu atɛn?

14Omununkum yɛ no nkataho, na onhu ade,

na ɔsoro kontonkron so na ɔnantew.

15So wobɛfa tete tempɔn no

a mmabusufo nantew so no so?

16 Hiob 15.32-33; Gye 7.21 Wɔn a wɔpraa wɔn kɔe ansa na ɛbere dui,

na wɔn nnyinaso sen kɔe sɛ nsuyiri no.

17 Hiob 21.14 Wɔn na wɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Fi yɛn so!

Na dɛn nso na Otumfo bɛyɛ wɔn?

18 Hiob 21.16 Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afi amaama,

na abɔnefo agyinatu mpare me!

19 Nnw 107.42 Atreneefo hu, na wɔn ani gye;

na nea odi bem no di wɔn ho fɛw,

20ka sɛ: Ampa ara wɔn a wɔsɔre hyɛɛ yɛn no ayera,

na wɔn nnikae nso, ogya ahyew!

21Enti, fa wo ho bɔ Onyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo;

eyi mu na adepa bɛba ama wo.

22Gye n’anom mmara,

na fa ne nsɛm sie wo komam.

23 Hiob 8.5-7; 11.14-19 Sɛ wosan kɔ Otumfo nkyɛn a, wɔde wo besi hɔ,

sɛ anka wubeyi abusude afi wo ntamadan mu akɔ akyirikyiri a,

24 1 Ah 9.28 fa sika amapa gu mfutuma mu,

na Ofir sika nso, fa gu asubɔnten mu mmosea mu.

25Na Otumfo bɛyɛ wo sika amapa bebree,

ne dwetɛ a wɔahɔre ama wo.

26 Nnw 37.4 Ɛno na wo ho bɛsɛpɛw wo Otumfo ho,

na woama w’ani so akyerɛ Onyankopɔn.

27 Nnw 50.14-15 Wobɛsrɛ no, na watie wo,

na w’aboade no, woatua.

28Wobɛbɔ wo tirim, na ebegyina ama wo,

na hann bɛhyerɛn w’akwan so.

29 1 Pe 5.5 Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛnne ahomaso nti a.

Efisɛ ɔhobrɛaseni de, ɔbɛma wadi yiye.

30 Nnw 18.20, 24 Sɛ nea onni bem po, obegye no a,

ɛnne w’ahotew so na wobegye wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help