Baruk 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yeremia nhoma no

1 Yer 29.1 Nhwɛso nhoma a Yeremia kyerɛw kɔmaa wɔn a Babel hene faa wɔn kɔtenaa Babel sɛ atukɔfo, sɛ ɔde asɛm a Onyankopɔn ahyɛ no rebɛma wɔn.

Ɔman no kɔ dommum mu

2Ɛsiane bɔne a moayɛ wɔ Onyankopɔn anim no nti, Babelhene Nebukadnesar bɛfa mo akɔ Babel sɛ atukɔfo.

3Saa nti bere a mobedu Babel no, mobɛtena hɔ mfe bebree, a ɛyɛ mmere tenten, kosi awo ntoatoaso ason so; na ɛno akyi, mede mo befi hɔ aba wɔ asomdwoe mu.

4Afei mobehu abosom a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ wɔ Babel, nea nnipa soa wɔ wɔn mmati so na wɔde bɔ amanaman mufo hu no.

5Saa nti monhwɛ yiye na moanyɛ sɛ ahɔho no, anaasɛ moamma abosom yi ho suro anhyɛ mo so,

6bere a mobehu nnipa dɔm wɔ wɔn anim ne wɔn akyi sɛ wɔresom wɔn no. Mmom monka no wɔ mo komam sɛ, O Awurade, ɛyɛ wo na ɛsɛ sɛ yɛsom wo.

7Efi sɛ Awurade bɔfo ka mo ho, na ɔrehwɛ mo nkwa so.

Abosom nni tumi

8Wɔn tɛkrɛma yɛ nea duadwumfo akotwa, na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho; nso wɔyɛ nnaadaa na wɔntumi nkasa.

9Nnipa fa sika de yɛ ahenkyɛw soa wɔn abosom no sɛnea wɔbɛyɛ ama abeawa a ɔdɔ agude

10Ɛtɔ da bi a, asɔfo no nam esum ase fa sika ne dwetɛ no bi fi wɔn abosom no hɔ na wɔde atɔ biribi ama wɔn ho,

11anaasɛ wɔde bi ma aguamammɔfo a wɔwɔ abosomfi hɔ. Wɔde agude hyehyɛ wɔn abosom sɛ nnipa; saa abosom yi a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ

12a wɔntumi nnye wɔn ho mfi nkanare ne nwewee mu. Na sɛ wɔde beredum ntade siesie wɔn ho wie a,

13wɔpopa wɔn anim esiane mfuturu a ɛwɔ abosomfi hɔ a adura wɔn ho no nti.

14Wɔn mu biako kura ahempoma sɛ mansin mu otemmuafo, nanso ɔntumi nsɛe obiara a ɔfom no no.

15Obiako no kura sɛpɔ wɔ ne nsa nifa mu, ne abonnua, nanso wɔntumi nko nnye wɔn ho wɔ ɔko mu ne awifo nsam.

16Eyi da adi pefee sɛ wɔnyɛ anyame; enti monnsuro wɔn.

17Na sɛnea obi sɛn bɔ a mfaso biara nni so no,

18sɛ wɔn abosom no te ara ne no, ɛbere a wɔde wɔn bɛsisi abosomfi no. Wɔn a wɔba hɔ no nan ase mfuturu ayɛ wɔn ani so ma. Na sɛnea wɔtoto apon akɛse wɔ afa nyinaa mu ma obiara a ɔfom ɔhene, sɛ gyama wɔabua no kumfɔ no, saa ara na wɔn asɔfo de apon ne nkrado ne nnadeban toto wɔn abosomfi mu sɛnea ɛbɛyɛ na awifo mmewia wɔn.

19Wɔsosɔ nkanea dodow ma wɔn sen nea wɔsosɔ ma wɔn ho, na nso abosom no nhu emu biara.

20Wɔte sɛ abosonnan mu mpuran ara, nanso wɔn mu de, wɔka sɛ, abɔde a wɔwea wɔ asase so awe wɔn ɛne wɔn ntade. Wɔnhu

21wɔn anim wɔ berɛ a abosonnan mu hɔ wusiw apunu wɔn anim tumm.

22Mpan, nsomfena, ne nnomaa sisi wɔn so ne wɔn ti so; na saa ara na nnyinammoa nso yɛ.

23Eyi ma wohu pefee sɛ wɔnyɛ anyame; saa nti monnsuro wɔn.

24Ɛfa sika a wɔhyɛ sɛ wɔn ho bɛyɛ fɛ no ho de, ɛnhyerɛn gye sɛ obi pepa nkannare no; na mpo bere a na wɔregu wɔn no, wɔante nka.

25Wɔtɔ wɔn a wɔnnwen ne bo ho, nanso ahome biara nni wɔn mu.

26Wɔnni nan, enti wɔsoa wɔn wɔ afoforo kɔn ho, na ɛde ada wɔn adehunu a wɔyɛ no adi akyerɛ nnipa. Na ɛhyɛ wɔn a wɔsom wɔn no aniwu

27efisɛ, sɛ saa abosom yinom bi hwe fam a, wɔn ankasa na etwa sɛ wɔmma no so. Sɛ obi ma no so si hɔ a, entumi nkeka ne ho; na sɛ ɔkyea kɔ fa a, entumi nteɛ ne ho. Wɔde akyɛde gu wɔn anim sɛnea wɔde gu awufo anim ara.

28Asɔfo no kyɛ afɔre a wɔde brɛ abosom yi na wɔafa sika no de abɔ wɔn ho. Saa ara nso na wɔn yerenom de nkyene kora ɛnam no, na mmom wɔmfa bi mma ahiafo ne mmɔborɔfo.

29Mmea a wɔabu wɔn nsa anaasɛ wɔawo foforo de wɔn nsa so afɔre a wɔbɔ ma wɔn no mu. Na esiane sɛ monam nneɛma yinom so ahu sɛ wɔnyɛ anyame nti monnsuro wɔn.

30Na ɛyɛ dɛn nti na wɔfrɛ wɔn anyame? Mmea yɛ aduan ma anyame a wɔde sika ne dwetɛ ne dua ayɛ;

31na asɔfo no de wɔn ntade a atete tena ase wɔ wɔn abosomfi, a wɔayi wɔn ti ne wɔn abɔgyesɛ na wɔnkataa wɔn tiri so.

32Wɔkeka mu na wɔteɛteɛ mu wɔ wɔn anyame anim sɛnea ebinom yɛ wɔ ayi apontow ase no.

33Asɔfo no yi anyame yi ntade no bi de ma wɔn yerenom ne wɔn mma fira.

34Sɛ obi yɛ wɔn bɔne anaasɛ papa a, wɔrentumi nyɛ bi nhyɛ wɔn ananmu. Wɔntumi nsi hene, ɛnna wɔntumi ntu ɔhene ade so.

35Na saa ara nso na wɔntumi mma ahonya anaasɛ sika; sɛ obi hyɛ wɔn bɔ bi na sɛ wɔanni so a, wɔmmisa ho hwee.

36Wɔntumi nnye obi mfi owu mu anaasɛ wɔntumi nnye obi a ne ho nnyɛ den mfi nea ne ho yɛ den nsam.

37Wɔrentumi mma onifirani nhu ade; na wɔntumi nnye obi mfi amanehunu mu.

38Wɔntumi nnya ayamhyehye mma okunafo anaasɛ wɔnyɛ papa mma agyanka.

39Saa nneɛma yi a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura ho no te sɛ abo a efi bepɔw mu, na wɔn a wɔsom wɔn no ani bɛwu.

40Afei ɛdɛn nti na obi dwen sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn anyame?

Abosonsom mu nkwaseasɛm

Sɛ wɔde eyi to nkyɛn a, Kaldeafo no mpo mmu wɔn; efisɛ wɔahu obi a ɔyɛ mum a, wɔde Bel ba na wɔabɔ mpae sɛ mumu no nkasa, sɛnea gyama Bel no ankasa tumi te ase!

41Yes 46.1Nanso wɔn ankasa nhu eye na wɔnnyae wɔn akyi di, efisɛ wɔnni adwene biara.

42Na mmea no de ahoma akyekyere wɔn ho tete kwan ho na wɔhyew ntɛtɛ sɛ aduhuam.

43Na sɛ nnipa a wɔretwam no bi fa wɔn mu biako ne no kɔda a, wɔdi ɔbea a ɔwɔ ne nkyɛn no ho fɛw, efisɛ ne ho nyɛ fɛ sɛ ɔno, na ɛno nti na wɔanyi no.

44Nea wɔyɛ ma saa abosom yi yɛ atoro. Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ obi dwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn sɛ anyame?

45Duadwumfo ne sikadwumfo na wɔyɛ wɔn; worentumi nnyɛ ade foforo bi, gye sɛ nea odwumfo no pɛ sɛ wɔyɛ wɔn no ara.

46Nnipa a wɔyɛ wɔn no rentena ase nkyɛ biara;

47na ɛbɛyɛ dɛn na nneɛma a wɔayɛ no atumi ayɛ anyame? Wɔgyaw atoro ne ahohora ama wɔn a wɔdi wɔn akyi no.

48Na sɛ ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm ba wɔn so a, asɔfo no hyiam toatoa adwene hwehwɛ baabi a wobetumi de wɔn anyame no ne wɔn ho akɔhintaw.

49Ɛyɛ dɛn na obi ntumi nhu sɛ eyinom nyɛ anyame, efisɛ wɔntumi nnye wɔn ho mfi ɔko anaasɛ atoyerɛnkyɛm mu?

50Ɛsiane sɛ wɔde dua na ayɛ wɔn na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho nti, akyi yi nnipa behu sɛ wɔyɛ atorofo.

51Ɛbɛda adi pefee ama aman nyinaa ne ahemfo ahu sɛ wɔnyɛ anyame, na mmom nnipa nsa ano adwuma, na Onyankopɔn nsa ano adwuma biara nni wɔn mu.

52Hena na ɔrentumi nhunu sɛ wɔnyɛ anyame?

53Efisɛ wɔntumi nsi ɔhene wɔ ɔman bi mu ɛnna nso wɔntumi mma nsu ntɔ mma nnipa.

54Wɔntumi nni wɔn ankasa wɔn asɛm anaasɛ wɔgye obi a wɔafom no, efisɛ wɔnni tumi biara;

55wɔte sɛ nkwaakwaadabi a wɔnenam wim ne asase so. Sɛ ogya tɔ nnua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho dan mu a, wɔn asɔfo guan gye wɔn ti, na mmom anyame no hyew sɛ mpuran.

56Wɔde eyi to nkyɛn a, wɔntumi ne ɔhene anaasɛ ɔtamfo nni asi. Ɛdɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gye to mu sɛ wɔyɛ anyame?

57Abosom a wɔde nnua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no, wɔntumi nnye wɔn ankasa wɔn ho mfi awifo anaasɛ akorɔmfo nsam.

58Obiara a betumi agye wɔn sika ne dwetɛ ne ntade a wɔhyɛ no, na ɔde akɔ sɛ fom ade, na wɔrentumi mmoa wɔn ho.

59Enti fanyinam sɛ wobɛyɛ ɔhene a otumi kyerɛ akokoduru, anaasɛ efie nkyɛnsee a ɛyɛ ne wura apɛde, sen sɛ wobɛyɛ nnaadaa anyame yinom bi; efie pono a ɛbɔ emu nneɛma ho ban no ye sen nnaadaa anyame yinom; dua fadum a esi ahemfi nso ye sen nnaadaa anyame yinom.

60Na owia, ɔsram ne nsoromma haran, na sɛ wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnni dwuma bi a, wɔyɛ osetie.

61Saa ara na anyinam nso te, sɛ ɛte gya a, wɔhu kɔ akyiri; na saa ara na mframa bɔ wɔ asase biara so.

62Sɛ Onyankopɔn hyɛ mununkum sɛ ɔnkyini wiase nyinaa a, odi saa ahyɛde yi so.

63Na ogya a wɔsoma fi ɔsoro sɛ ɛmmɛhyew mmepɔw ne nnua no yɛ nea wɔahyɛ no no. Nanso wɔntumi mfa saa abosom yi ntoto eyinom ho wɔ ahoyi ne tumi mu.

64Ɛno nti, mma obi nnwene sɛ wɔyɛ anyame, anaasɛ wɔfrɛ wɔn anyame, efisɛ, wɔntumi nni asɛm anaasɛ wɔntumi nyɛ obi papa.

65Ɛsiane sɛ wonim sɛ wɔnyɛ anyame nti, nsuro wɔn.

66Wɔntumi nnome ahemfo na wɔntumi nhyira wɔn;

67Wɔntumi nkyerɛ ewim nsɛnkyerɛnne mma aman, ɛnna nso wɔntumi nhyerɛn te sɛ owia anaasɛ wɔmma hann sɛ ɔsram.

68Wuram mmoadoma ye sen wɔn, efisɛ wɔtumi guan kɔhintaw de boa wɔn ho.

70Wɔte sɛ kaakaamotobi bi a ɔsi ɔmofuw mu a ɛmmɔ biribiara ho ban. Saa ara na anyame a wɔde dua ayɛ na wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no te.

71Saa ɔkwan no ara so no dua anyame a wɔde sika ne dwetɛ adura wɔn ho no te sɛ nsɔensɔe a ɛwɔ turo bi mu a anomaa biara tumi nsi so; anaasɛ ɛte sɛ a wɔato atwene esum mu.

72Beredum ne nwera a ɛporɔ a egu wɔn so no bɛma moahu sɛ wɔnyɛ anyame; na akyiri yi, wɔn ankasa bɛhyew, na wɔayɛ ahohorade wɔ asase no so.

73Saa nti, onipa a ɔtene ase na ɔnni abosom no ye; saa onipa no, ahohora remmɛn no koraa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help