Nnwom 29 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn anuonyam a ɛda adi ahum muDawid dwom

1 Nnw 89.6; 103.20 Mo ɔsoro asafo, momfa anuonyam mma AWURADE,

momfa anuonyam ne tumi mma AWURADE.

2 Nnw 110.3 Yiw, monhyɛ AWURADE din anuonyam,

monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.

3 Hiob 37.2 AWURADE nne wɔ asu so,

anuonyam Nyankopɔn ma aprannaa bom,

AWURADE wɔ nsu bebree so.

4AWURADE nne mu yɛ den sɛ,

AWURADE nne mu wɔ anuonyam.

5AWURADE nne bubu nkyeneduru,

AWURADE abubu Lebanon nkyeneduru.

6 Deut 3.8-9 Na ɔma wohuruhuruw sɛ nantwi ba,

Lebanon ne Sirion sɛ kooforo.

7AWURADE nne pa gya a ɛdɛw.

8AWURADE nne ma sare so hɔ him,

AWURADE ma Kades sare so hɔ po.

9AWURADE nne ma aforote ko awo,

na ɛma kwae mu da hɔ,

na n’asɔrefi mufo nyinaa ka sɛ: Anuonyam nka Nyankopɔn.

10AWURADE tenaa nsu a ayiri so,

na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.

11 Nnw 28.8-9 AWURADE bɛma ne man ahoɔden,

AWURADE de asomdwoe behyira ne man.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help