Deuteronomium 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmara nsɛm du no(Eksodɔs 20.1-17)

1Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, muntie ahyɛde ne atemmude a mereka magu mo asom nnɛ yi, na munsua, na munni so nyɛ.

2Deut 29.1; Eks 19.5 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so;

3Deut 29.15 ɛnyɛ yɛn agyanom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete ase yi ara.

4Deut 5.24; Eks 19.19 AWURADE fi ogya no mu ne mo dii nhwɛanim na ɔkasae, bepɔw no so.

5Eks 19.16 Me de, na migyina AWURADE ne mo ntam saa bere no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, efisɛ musuroo ogya no anim na moamforo bepɔw no. Na ose:

6Eks 20 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo fii Misraim asase so, nkoafi mu no.

7Deut 11.16, 28 Nnya anyame foforo nka me ho.

8 Deut 27.15 Nyɛ ohoni, ade a ɛwɔ wim ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so ɛfam ne nea ɛwɔ nsu mu asase ase suban mfa: Nkotow wɔn na nsom wɔn.

9Na me AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,

10na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.

11Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din ahuhude mu, na AWURADE remma nea ɔbɔ ne din ahuhude mu ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

12Di homeda na yɛ no kronkron, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no.

13Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’ade nyinaa;

14na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babea, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwi ne w’afurum ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu: Na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.

15Deut 15.15; 16.12; 24.18 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu yii wo fii hɔ; enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.

16Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.

17Nni awu.

18Na nsɛe aware.

19Na mmɔ korɔn.

20Na nni wo yɔnko ho adanse huhuw.

21Na mma wo kɔn nnnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fi, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwi ne n’afurum ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

Mose gye mmara no fi Onyankopɔn nsam(Eksodɔs 20.18-21)

22 Eks 31.18 Nsɛm yi na AWURADE fi ogya, omununkum ne esum kabii no mu de nne kɛse ka kyerɛɛ mo bagua no nyinaa, bepɔw no so, na wamfa bi anka ho; na ɔkyerɛwee wɔ abopon abien so de maa me.

23Na motee nne no fii esum no mu na bepɔw no redɛw no, mutwiw baa me nkyɛn, mo mmusuakuw mu atitiriw nyinaa ne mo mpanyimfo

24Deut 4.33 bɛkae sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahu n’anuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afi ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso onya nkwa.

25Na afei, ɛdɛn nti na yenwu? Efisɛ ogya kɛse yi rebɛhyew yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yebewuwu.

26Na ɔhonam nyinaa mu hena na wate Onyankopɔn teasefo no nne sɛ ɛrekasa afi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?

27Wo na twiw bɛn hɔ, na tie nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn nea AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ wo nyinaa, na yebetie na yɛayɛ.

28Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ wo no, nea wɔaka nyinaa, wɔaka no yiye.

29Num 11.29; Deut 29.4 O, sɛ anka wobenya koma a ɛte sɛɛ na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yiye daa ɛ!

30Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsan nkɔ mo ntamadan mu.

31Na wo de, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛde ne atemmude a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.

32Deut 4.2; 28.14; Yos 1.7; Mmb 4.27 Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum;

33ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help