2 Makabe 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Antioku Epifane adeyɛ a edi awiei(1 Makabe 6.1-7; 2 Makabe 1.11-17)

1Saa bere no mu ara, ɛbae sɛ basabasayɛ bi nti, Antioku asan n'akyi afi Persia mantam no mu.

2Na wakɔhyɛn ahenkurow a wɔfrɛ no Persepoli no mu, pɛe sɛ owia asɔredan no mu nneɛma, na odi ahenkurow no so tumi. Ne saa nti kurom hɔfo no bɔɔ bum, tasee akode kohyiaa wɔn sɛ wɔreko agye wɔn ho, na wɔkaa Antioku atamfo dɔm no gui, ma wɔde animguase guan kɔe.

3Bere a ɔwɔ Ekbatana no, ɔtee nea aba Nikanor ne Timoteo asraafo no so.

4Abufuw mu no, ɔfaa adwene sɛ obetua bɔne a Yudafo no ayɛ no so ka sɛ wɔma odii nkogu no, nti ɔhyɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ, mma onnyina baabiara kosi sɛ obedu akwantu no awiei. Nso na ɔsoro atemmu di n'akyi. N’ahantan mu no, ɔkae sɛ: Sɛ midu Yerusalem a, mede hɔ bɛyɛ Yudafo no amusiei.

5Nso na Awurade, Israel Nyankopɔn, a ohu ade nyinaa no, bɔɔ no ɔbɔ bi, a obi ntumi mfa n'aniwa nhu. Ɔyare bi, a wontumi nsa bɔɔ no. Bere a ogyae kasa ara pɛ ne yam kaw no dennennen, a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie.

6Nanso na saa fata no, efisɛ wahyɛ binom nso yaw pii.

7Nanso wannyae n'ahomaso no ɔkwan biara so. Mmom ɔde ahantan ne abufuw ko tiaa Yudafo no. Ɔhyɛɛ n'ammirikatu mu den, na ɛbae sɛ ɔrekɔ no, ofii ne teaseɛnam so hwee fam. Asehwe no so, na ɛmaa ne honam akwaa nyinaa yɛɛ no yaw.

8Saa na onipa a bere tiaa bi ni osusuwii no ahantan so, sɛ ɔyɛ obi a ne ho yɛ hu, na obetumi ateɛ po asorɔkye na ayɛ dinn, na wakasa na mmepɔw abrɛ wɔn ho ase no, ɔno mmom wɔbrɛɛ no ase, na wɔsoaa no wɔ bɔla kyɛnsee mu, na nnipa nyinaa huu Onyankopɔn anuonyam.

9Saa na onipa a wansuro Nyame no, honam dɔɔ mmoa, na mpo bere a ɔte ase wɔ yaw ne amane mu no, na ne honam aporɔw, na ne ho hua no amma n'asraafo no mu biara ammɛn no.

10Esiane ne ho bɔn no boro so nti, obiara antumi annsoa onipa a, bere tiaa bi ni, osusuwii sɛ obetumi ateɛ ne nsa aka, ɔsoro nsoromma no.

Antioku hyɛ Onyankopɔn bɔ(1 Makabe 6.8-17)

11Akyiri yi, ne kra botowee, na ofii ase brɛɛ n’ahantan no ase, na ne ho baa ne ho so, wɔ Onyankopɔn asotwe no ho, efisɛ ɔtee yaw bere nyinaa.

12Na bere a ontumi nhome n'ankasa ho nka kankannkan no bio no, ɔkaa saa nsɛm yi: Eye sɛ obiara brɛ ne ho ase ma Onyankopɔn, na mma ɔdasani nnsusuw sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

13Saa na onipa kwaseampani no sua kyerɛɛ Awurade, ɔno a afei n'ahummɔbɔ asa wɔ ne so no sɛ:

14Kurow kronkron a ɔpɛɛ ntɛm sɛ ɔrekoburuw agu fam, de ayɛ amusiei no, afei ogyae ahenkurow no akyi di.

15na Yudafo a osusuwii sɛ wɔmmfata sɛ wosie wɔn, na ɛwɔ n’adwene mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtow wɔn afunu gu ma mmoa wɔyɛ keka, ne wim nnomaa ma wodi no, afei ɔkae sɛ ɔbɛyɛ wɔn nyinaa sɛ Atene mufo.

16Na asɔredan kronkron a mfiase no, ɔne n'asraafo kɔfow mu nneɛma no, afei ɔde afɔrebɔ nneɛma a ɛyɛ fɛ papaapa besiesie hɔ; na ɔde nkuruwa kronkron no bɛsan aba, mpɛn pii, na ka a wɔbɔɔ no wɔ afɔrebɔ mu no, ɔde n'ankasa sika betua.

17na nea ɔbɛyɛ aka eyinom nyinaa ho ne sɛ: Ɔbɛfa ne ho sɛ ɔyɛ Yudani na ɔbɛkɔ mmaa nyinaa akɔbɔ Onyankopɔn tumi ho dawuru.

18Na afei n’ahoyeraw no mma fam wɔ ɔkwan biara so no, ɛnam sɛ Onyankopɔn ama asotwe a ɛfata ne nneyɛe no aba no so nti, ɔpaa abaw wɔ anidaso nyinaa mu, na ɔkyerɛw saa lɛtɛ yi kɔmaa Yudafo no, paa wɔn kyɛw. Emu nsɛm ni:

19Ɔhene ne ɔsabarima Antioku de kɔma ne Yudafo animdefo no. Mikyia mo anigye so, na mepɛ sɛ esi mo yiye, ahoɔden ne ɔpɛnya mu.

20Sɛ mo ne mo mma te yiye na mo nneɛma nyinaa kɔ so sɛnea mopɛ a, ɛma me ho tɔ me. Efisɛ mewɔ anidaso wɔ soro.

21Mede ɔdɔ kae mo nidi ne mo ɔpɛ pa no. Mifi Persia mantam mu resan m'akyi aba no, yare huhuuhu bi bɔɔ me, nti ama mahu sɛ, eye sɛ medwene ho, na aboa abɔ yɛn nyinaa ho ban.

22Mempaa abaw wɔ me tebea yi ho ɛ, efisɛ mewɔ anidaso sɛ me ho bɛtɔ me afi me yare yi mu.

23Mmom mahu sɛ, bere a m'agya kodii dwuma bi wɔ ɔmantifi fam na ɔreba no, oyii ne nanmusifo,

24sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ biribi si mpofirim, anaasɛ sɛ asɛmmɔne bi ba a, ɛrenhaw nnipa a wɔwɔ mansin no mu no, na wɔahu nea wɔde aban no ahyɛ ne nsa.

25Afei nso, mate sɛnea ahenemma a wɔwɔ ahye no so no, ne me mfɛfo a wɔwɔ m'ahemman no mu no ayɛ krado retwɛn nea ebesi. Nti mapaw me ba Antioku sɛ onni hene, ɔno na mpɛn pii mede nneɛma hyɛɛ ne nsa, na mebɔɔ ne din kyerɛɛ mo nso, wɔ bere a mede ntɛmpɛ tuu kwan ɔhare so kɔɔ ɔmantifi mansin mu no; na nea makyerɛw wɔ ha yi, makyerɛw no saa ara akɔma no nso.

26Ne saa nti, mehyɛ mo srɛ mo sɛ, monkae ɔman no ne ankoroankorofo dwumadi a ɛkɔɔ so maa mo no, na momma asomdwoe yi ara ntena mo ne me ba no mu.

27Efisɛ minim sɛ obedi m’anammɔn akyi, na ɔne mo atena no yiye.

28Nti owudifo ne obusufo no, nyaa ahoguan ne amane sɛnea ɔde yɛɛ afoforo no. Ne nkwa awiei yɛɛ mmɔbɔ ne awerɛhow wɔ mmepɔw no so wɔ ahɔhobea.

29Na Filipo a ɔyɛ n’abaguafo no mu biako no, de ne funu no kɔɔ fie; na osuro Antioku ba no nti, ɔde ne ho kɔbɔɔ Polemi Filometor ho wɔ Misraim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help