Nnwom 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nea ɔte Nyankopɔn hwɛsie muDawid de a ɔtoe bere a ɔdan sɛ ɔbɔdamfo Abimelek anim na ɔpam no ma ɔkɔe no

1 1 Sa 21.13-15 Mehyira AWURADE nna nyinaa,

n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.

2AWURADE mu na me kra bɛhoahoa ne ho,

ahobrɛasefo bɛte, na wɔn ani agye.

3Mo ne me nkamfo AWURADE kɛseyɛ,

na momma yɛmmom mma ne din so.

4Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me,

na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.

5Hwɛ no, na nya anim tew,

na w’anim angu ase.

6Ohiani yi teɛɛm, na AWURADE tiee no,

na ogyee no n’ahohia nyinaa mu.

7 Gye 32.1; Nnw 91.11 AWURADE bɔfo bɔ wɔn a wosuro no ho nsra hyia,

na ogye wɔn.

8 1 Pe 2.3 Monka nhwɛ na munhu sɛ AWURADE ye,

nhyira ne onipa a oguan toa no.

9 Nnw 37.19 AWURADE akronkronfo, munsuro no!

Na biribiara remmɔ wɔn a wosuro no.

10 Nnw 33.18-19; 37.25; Luka 1.53 Gyataforo bedi hia na ɔkɔm ade wɔn,

na wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no, ade pa biara remmɔ wɔn.

11Mma, mommra, monyɛ aso mma me!

Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.

12 1 Pe 3.10-12 Mo mu hena na ɔhwehwɛ nkwa,

na ɔpɛ onyinkyɛ sɛ obehu papa?

13Kora wo tɛkrɛma, bɔne ho,

ɛne w’ano, nnaadaasɛm ho.

14 Nnw 37.27 Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa,

hwehwɛ asomdwoe, na tiw no.

15AWURADE ani wɔ treneefo so,

na n’aso tie wɔn sufrɛ.

16 Mmb 10.7 AWURADE ani sa nnebɔneyɛfo,

sɛ obegu wɔn ase, asase so.

17Treneefo su frɛ, na AWURADE tie,

na ogye wɔn fi wɔn ahohia nyinaa mu.

18 Nnw 51.17 AWURADE bɛn wɔn a wɔn koma abubu,

na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.

19 2 Ko 1.5 Ɔtreneeni amane dɔɔso,

na AWURADE gye no ne nyinaa mu.

20Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa,

emu biako po mmu.

21Bɔne bekum ɔbɔnefo,

na wɔn a wɔtan ɔtreneeni no bɛbrɛ mu.

22AWURADE gye ne nkoa kra,

na wɔn a woguan toa no nyinaa remmrɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help