Nyansa 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Amumɔyɛfo benu wɔn ho

1Na onipa trenee de gyidi begyina

wɔn a wɔhyɛɛ no so no anim,

ne wɔn a wɔma wɔn nnwuma yɛ mmerɛw no.

2Sɛ abɔnefo hu wɔn a,

osuro ne ahopopo bɛka wɔn

na wɔn ho bedwiriw wɔn ahotefo no nkwagye a anni nna so no nti,

3Wɔde ahonu bɛkasa akyerɛ wɔn ho wɔn ho

na wɔde ahoguan honhom

asi apini aka sɛ:

4Nnipa yi ne wɔn a kan

yesii wɔn atwetwe no,

yedii wɔn ho fene animguase mu,

nso na yedi nkwaseasɛm

Yɛdwene sɛ wɔrebɔ abɔdamfo bra

na wɔn awiei nni anuonyam.

5Ɛdɛn nti na wɔka

Onyame mma ho yi?

Na dɛn nti na wɔwɔ

ahoteefo mu kyɛfa yi?

6Saa na ɛbɛyɛ yɛn a yegyaw

nokware kwan no,

na trenee kanea no annhyerɛn wɔ yɛn so,

na awia ampue yɛn so.

7Yɛfaa mmarato ne ɔsɛe kwan so

na yetuu kwan faa sare a akwankyerɛ bi nni hɔ so,

nanso AWURADE akwan no de, yɛanhu.

8Mfaso bɛn na yɛanya no

yɛn ahantan mu?

Na dɛn yiyedi na yɛn ahonya mu

ahokyerɛ no de abrɛ yɛn?

9Saa nneɛma no nyinaa ayera sɛ sunsuma,

sɛ akekakekasɛm a etwa mu kɔ,

10sɛ hyɛn a ɛresen wɔ asorɔkye mu,

na etwam kɔ no,

wonnhu n’ananmu

na po asorɔkye fa kɔ,

11sɛnea anomaa tu fa wim no,

na wonnhu bere a ɔkɔe no,

na mframa bɔ a na ayera no

sɛ n’ataban mu pue gu nkyɛn nen

na ɔde ahoɔhare fa mu kɔ no,

na akyiri wonhu no bio

ne ho nsɛnkyerɛnne nyinaa yera.

12anaasɛ wɔatow agyan rebɔ ade mu,

mframa bɔ na ɛbae mu,

na ntɛm ara ɛka bɔ mu bio,

amma obi anhu nea efi no;

13saa ara na yɛn so, wonya woo yɛn ara

na yɛyerae,

na yɛannya abrabɔ pa bi ankyerɛ,

mmom yɛyerae wɔ yɛn amumɔyɛ mu.

14Efisɛ nea onnim Nyame no anidaso

te sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ pete,

na ɔte sɛ bosu a onni nnyinaso

na ahum bɔ no kɔ;

wɔhwete sɛ wusiw wɔ mframa anim,

na otwam kɔ

sɛnea ɔhɔho bedii dakoro no.

15Mmom atreneefo de wɔte ase afebɔɔ,

na wɔn akatua wɔ AWURADE hɔ;

ɔsorosoroni no hwɛ wɔn yiye.

16Ne saa nti wobenya

ahenkyɛw a ɛhyerɛn

ne abotiri fɛfɛ afi

AWURADE nsam,

esiane sɛ ɔde ne nsa nifa

bɛkata wɔn so,

na ɔde n’abasa akora wɔn.

17 Efe 6.11-17 AWURADE de dɔ bɛyɛ

n’akode nyinaa,

na ɔbɛma abɔde nyinaa abɔ ntoa

de atutu n’atamfo;

18na ɔbɛhyɛ trenee nkatabo,

na wahyɛ atɛntrenee kyɛw;

19ɔbɛfa kronkronyɛ sɛ akokyɛm

a wontumi nhu no,

20na n'abufuhyew ano bɛdɛw sɛ nkrante

na abɔde bɛka ne ho

ako atia n'atamfo dɔm no.

21Na anyinam gya betutu afa wim

ne botae pa nti

ebetutu akɔbobɔ botae no mu

sɛ agyan a wɔatow no tee mu,

22na wɔbɛtoto abufuwhyew mu abaruwbo

sɛnea efi taebo mu;

na po asorɔkye bɛkata wɔn so,

na nsubɔnten beyiri afa wɔn so;

23mframa dennen bɛbɔ atia wɔn,

te sɛ ahum a ebehuw wɔn afi hɔ.

Abrabɔ bɔne bɛsɛe wiase nyinaa,

na nnebɔne bebutuw tumidifo ahengua.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help