Ɔsɛnkafo 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abrabɔ yɛ ade huhuw

1Dawid ba, Ɔsɛnkafo a odii hene Yerusalem no nsɛm ni.

2Ahuhude mu ahuhude! Ɔsɛnkafo na ose;

ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ huhuw.

3 Ɔsɛ 2.22 Mfaso bɛn na onipa nya ne brɛ

a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?

4 Nnw 90.3 Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba,

na asase de, etim hɔ daa.

5Owia pue, na owia kɔtɔ,

na ɛyɛ ntɛm kɔ n’afa a efi hɔ na ɛsan pue.

6Mframa kɔ nifa fam,

na ɛdan ba benkum fam;

ɛde adannan kɔ,

na n’adannan no so na mframa no nam san ba.

7Nsubɔnten nyinaa sen kɔ po mu,

nanso ɛpo renyɛ ma:

Faako a nsubɔnten no nenam kɔ no,

ɛhɔ ara na ɛsan kɔ bio.

8 Nnw 90.10 Nsɛm nyinaa yɛ ɔbrɛ nko ara;

obiara ntumi nka;

ɔhwɛ mmee aniwa,

na ɔte nso nyɛ aso ma.

9Dɛn ne nea aba? Ɛne nea ɛbɛba;

na ɛdɛn ne nea wɔayɛ? Ɛne nea wɔbɛyɛ;

na ade foforo biara nni hɔ owia ase.

10Asɛm bi wɔ hɔ a wɔka sɛ:

Hwɛ, eyi de, ɛyɛ foforo, anaa?

Tete nteredee bere a edi yɛn anim no so na ɛbae.

11Nkae bi nni hɔ mma kanfo no,

na nkyirimma a wɔbɛba no

nso rennya nkae bi,

wɔn a wobedi akyiri aba no nkyɛn.

Onimdefo no Nyansasua

12 Ɔsɛ 1.1 Me ɔsɛnkafo, midii Israel so hene Yerusalem,

13na mede me koma memae sɛ mede nyansa merebisa na mahwehwɛ nneɛma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato nnipa mma so sɛ wɔmmrɛ mu ne no.

14Mihuu nnwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

15 Ɔsɛ 7.13 Nea akyea no, wontumi nteɛ,

na nea aka mu no, wontumi nkan.

16Mekaa wɔ me komam sɛ: Me de, hwɛ, mama me nyansa aso ayɛ bebree sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me koma ahu nyansa ne nimdeɛ a ɛdɔɔso.

17Ɔsɛ 2.12; 7.25 Na mede m’adwene mehwɛe sɛ mehu nyansa, na mahu adammɔ ne nkwaseasɛm, na nso mahu sɛ eyi nso yɛ ɔdadwen hunu.

18Na nyansa dodow mu wɔ ɔhaw dodow,

na nea otia nimdeɛ no tia awerɛhow.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help