1Bere a Nikanor tee sɛ Yuda ne n'asraafo no wɔ Samaria mantam mu no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ wɔn so homeda bi na wanya ne ho sɔnn.
2Na Yudafo a wɔhyɛɛ wɔn ma wɔkɔkaa ne ho no, kae sɛ: Mfa atirimmɔden nsɛe wɔn homeda no, mmom fa nidi ma nea ohu ade nyinaa no na watew saa da no ho ahyira so no.
3Ogyennyentwi a wɔadome no mprɛnsa no, bisae sɛ: Otumfo bi wɔ soro a wahyɛ sɛ, wonni ne homeda anaa?.
4Na bere a wɔkae sɛ: Ɔteasefo Awurade no ankasa, ɔsoro hene tumfo no, na ɔhyɛɛ yɛn mmara sɛ yenni homeda no. Na obuae see sɛ: Me nso meyɛ ɔhene wɔ asase so ha, na mehyɛ mo sɛ mommɔ ntoa mfa atuo nwie ɔhene adwuma no yɛ. Nanso n’adwemmɔne no anyɛ yie.
Yuda siesie n'asraafo no kɔ ɔko6Nikanor de ahantan ne ahomaso, asua sɛ ɔbɛyɛ nkaedum asi ɔman no mu de akyerɛ ne nkonimdi wɔ Yuda ne n'asraafo no so.
7Nanso Makabe kɔɔ so nyaa gyidi sɛ, obenya mmoa afi Awurade hɔ.
8Na otuu n'asraafo no fo sɛ, mma wonnsuro amanaman mufo no, mmom wɔnkae bere bi a atwam a mmoa fi soro bae no. Na wonya awerɛhyɛm sɛ nkonimdi befi Otumfo no nkyɛn aba.
9Ofi mmara no ne adiyisɛm nhoma no mu hyɛɛ wɔn gyidi den, nam so kae wɔn nkonimdi ahorow a wɔadi wɔ wɔn aperedi mu, na eyi hyɛɛ wɔn nkuran.
10Afei ɔkanyan wɔn saa no, ɔde ɔhyɛ kyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ, na bere koro no ara nso ɔkaa amanaman mufo no nkontomposɛm ne ntam a wɔka a, wonni so no ho nsɛm kyerɛɛ wɔn.
11Ɔmaa obiara akode, ɛyɛ ɔkyɛm ne nkatabo, peaw ne nkrante, ne akokoduru nsɛm, na ɔde hyɛɛ wɔn ma. Afei ɔmaa wɔn aba so, kaa wɔn daeso bi, a ɛyɛ anisoadehu bi a ɛsɛ sɛ ɛba mu.
12Ade a ohui ni: Onia a anka ɔyɛ ɔsɔfopanyin no, onimdefo a ɔyɛ onipa pa, na ɔwɔ suban pa, na ɔka anyansasɛm, na efi ne mmofraase wɔatetew no, wɔ nneɛma a ɛkyerɛ suban ɛho yɛ nyam mu no, ohuu no sɛ wateɛ ne nsa akɔ soro rebɔ mpae ama Yudafo no nyinaa.
13Saa bere no ara nso, ɔfoforo bi puee hɔ, a dwen wɔ ne tirim na n'anim yɛ nyam, na ɔyɛ onipa sonowonko, na ɔwɔ tumi ne anuonyam.
14Na Onia kae sɛ: Oyi yɛ onipa a ɔdɔ ne nkurɔfo Israelfo no, na ɔbɔ mpae pii ma ɔman no ne ahenkurow kronkron no. Yeremia a ɔyɛ Nyankopɔn diyifo no.
15Yeremia teɛɛ ne nsa nifa na ɔde nkrante kronkron maa Yuda, na ɔde rema no no ɔkasa kyerɛɛ no sɛ:
16Gye saa nkrante kronkron yi. Ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ a, wode bedi w’atamfo so nkonim.
17Wonyaa nkuranhyɛ fii Yuda nsɛm a ɔkekae no mu. Na emu dɔ, na ɛtɔ nnipa asom nso, na ɛma mmerante honhom sɔre. Enti wosuaa sɛ ɛrenyɛ nsɛnkeka bi kɛkɛ, na mmom wɔde akokoduru biara a wɔwɔ no bɛka abom ako. Efisɛ ahenkurow no, ne kronkronbea no nyinaa wɔ ɔhaw mu.
18Wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn nuanom ne abusuafo fam asɛm anhia wɔn pii. Mmom wɔn ahiasɛm kɛse ne nea edi kan ne kronkronbea no.
19Na wɔn a aka wɔ ahenkurow no mu no wɔ ahometew kɛse mu, wɔn ho yeraw wɔn sɛ, ɔko rekɔ so wɔ petee mu hɔ.
Nikanor nkogu ne ne wu20Bere a wɔn nyinaa rehwɛ nea ɛreba no kwan, na atamfo no abɛn wɔn pɛɛ, na wɔn asraafo no ayɛ ahoboa sɛ wɔbɛko, na wɔde wɔn asono no agyinagyina mmeae a eye, na wɔde apɔnkɔso asraafo no agyinagyina wɔn afa no,
21na Makabe huu asraafo dɔm a wɔwɔ n'anim no, ne akode ahorow a wokurae, ne anibere a asono no wom no, ɔmaa ne nsa so kɔɔ soro bɔɔ mpae frɛɛ Awurade a ɔyɛ anwonwade no. Makabe gyidi ne sɛ, ɛnyɛ akode, na mmom Awurade na ɔma wɔn a wɔfata no di nkonim.
222 Ah 19.35 Ne mpaebɔ no ni: Ao! Awurade, Yudahene Hesekia bere so no, wosomaa w'abɔfo na okum nnipa ara mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Senakyerib asraafo no mu.
23Nti afei nso, O ɔsoro Hempanyin, soma w'abɔfo pa ma wɔmfa ahopopo ne suro nkɔ yɛn atamfo so.
24Ma w'ahoɔden nsa no so, na twa wɔn a wɔka abususɛm tia wo nnipa kronkron no kyene. Saa na ɔde wiee ne mpaebɔ no.
25 1 Mak 7.43-50 Nikanor ne n'asraafo no de torobɛnto ne ɔsakɔ nnwom tuu santen;
26na Yuda ne n'asraafo de mpaebɔ frɛɛ Onyankopɔn de hyiaa atamfo no wɔ akono.
27Nti wɔne wɔn reko na wɔrebɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ wɔn komam no, wodii nkonim, kum nnipa bɛyɛ mpem aduasa anum, na wɔn ani gyee pii wɔ ade a Onyankopɔn ayɛ no ho.
28Bere a ɔko no baa awiei, na wɔde anigye resan akɔ fie no, wohuu sɛ Nikanor hyɛ n’akotade da hɔ a wawu.
29Na osebɔ ne gyegyeegyeyɛ baa hɔ, na wɔde wɔn agyanom kasa hyiraa AWURADE: Ɔhenkɛse no.
30Na Yuda, onipa a bere nyinaa mu, ɔde ne honam ne ne kra atwitwa agye ne nkurɔfo ne ne manfo no, onipa a fi ne mmerantebere mu wayɛ adepa ama ne nnamfo na ɔda so ara reyɛ no seisei no, hyɛɛ sɛ wontwa Nikanor ti, ne ne nsa na wɔnsoa nkɔ Yerusalem.
31Na bere a woduu ɔpon no ano no, ɔne ne manfo no hyiae, na asɔfo no begyinagyinaa afɔremuka no anim no, ɔsomae ma wɔkɔfrɛɛ wɔn a wɔwɔ akodan mu no bae.
32Afei Nikanor, onipabɔnefo a wakasa atia Onyankopɔn, ne ne fi kronkron no. Wɔde ne ti ne ne nsa no kyerɛɛ.
33Na otwaa Nikanor a onnim Nyame no, tɛkrɛma na ɔkae sɛ ɔde ne funu no bɛma wim nnomaa adi, na ɔde nea ɔde yɛɛ nkwaseade no asɛn beae a ɛne kronkronbea no di nhwɛanim.
34Na wɔn nyinaa maa wɔn ani so kyerɛɛ soro, hyiraa Awurade, a wakyerɛ no tumi no, na wɔkae sɛ: Nhyira nka nea wabɔ ne fi ho ban afi fi ho no.
35Na ɔde Nikanor ti sɛn akodan no ho, wɔ petee mu hɔ a woto w'ani ara a wohu, ama ayɛ sɛnkyerɛnne ama obiara ahu Awurade mmoa.
361 Mak 7.49 Na wɔn nyinaa tow aba de suae sɛ, wɔremma saa da no ntwam nkɔ kwa. Na mmom ɔsram a ɛto so dumien biara no da a ɛto so dumiɛnsa a wɔfrɛ no Adar wɔ Aramaik kasa mu no wɔde bɛkae saa da yi. Ɛyɛ da a edi Mordekai da no anim no.
Ɔkyerɛwfo no nsɛm no awiei37Saa na nneɛma danee de tiaa Nikanor. Efi saa bere no ahenkurow no bedii Yudafo nsam. Nti me nsɛm no aba awiei.
Ɔkyerɛwfo no kasa no awiei38Sɛ maka no yiye, ma ɔkɔ so sɛnea ɛte a, na saa na mepɛ nen; sɛ maka no basabasa nso a, saa ara na metumi aka no ara nen.
39Na sɛnea wɔnom nsu anaa nsa nkutoo a enye no, ne sɛnea wotumi de nsu fra nsa ma obi nom ma n'ani gye no, saa ara na mafa m'ankasa hyehyɛbea so akyerɛw asɛm no ama ayɛ dɛ, de ama akenkanfo. Na ɛha na mede bewie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.