1 Berɛsosɛm 28 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Solomon bedi n’agya Dawid ade

1Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuw so mmapɔmma ne nkyekyɛmu so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahode ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifo ne nnɔmmarima a wonim akodi yiye no ne mmarima a wotumi nyinaa baa Yerusalem.

21 Be 22.7-10 Na ɔhene Dawid sɔre gyinaa n’anan so kae sɛ: Me nuanom ne me man, muntie me! Me de, ɛwɔ me koma mu sɛ mesi homebea, ofi mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiaso, na masiesie ne si no ho.

32 Sa 7.5 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: Nsi ofi mma me din, efisɛ woyɛ ɔkofoni na woaka mogya nso agu.

4Gye 49.10; 1 Sa 16.1, 12 Na AWURADE Israel Nyankopɔn ayi me afi m’agya fifo nyinaa mu sɛ minni Israel so hene nkosi daa. Na wayi Yuda asi no panyin, na Yuda fi mu nso wayi m’agya fi, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me besi Israel nyinaa so,

5na me mma nyinaa mu no, efisɛ AWURADE ama me mma pii, wayi me ba Solomon sɛ ɔntena AWURADE ahenni a ɔde di Israel so no agua so.

61 Be 17.11-14 Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Solomon na obesi me fi ne m’abangua no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya.

7Na sɛ okura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmude so sɛ ɔyɛ nnɛ da yi a, mɛma n’ahenni atim akosi daa.

8Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE bagua no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn asom, mise: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so nhwehwɛ akyi kwan, na moadi asase pa yi so, na moagyaw no awunnyade ama mo mma, mo akyi akosi daa.

9 Nnw 7.9 Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.

10Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si ofi a ɛbɛyɛ kronkronbea: Hyɛ wo ho den na yɛ!

Asɔrefi no nsusuwso ne emu nneɛma

11 Eks 25.9 Na Dawid maa ne ba Solomon asɔredan no ntwironowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata agua dan no nsusuwso,

12ne ade biara a ɛwɔ ne honhom mu nsusuwso, AWURADE fi abangua ne mpia a wotwa ho hyia nyinaa ne Onyankopɔn fi adekorae ne akronkronne akorae;

13ne asɔfo ne Lewifo nkyekyem ne AWURADE fi som adwuma no nyinaa ne AWURADE fi som ho ade nyinaa;

14sika de no wɔ sika nkarii so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho ade, dwetɛ ade nyinaa ne nkarii so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho ade;

15ne sika akaneadua ne ɛho sika akanea no nkarii, sɛ kaneadua biara ne ɛho kanea nkarii te, ne dwetɛ akaneadua, sɛ kaneadua no biara ne ɛho kanea nkarii te, sɛ akaneadua no nyinaa ho som te no;

16ne kyerɛ abodoo pon biara sika a wɔakari, ne dwetɛ apon no dwetɛ;

17ne adinam ne nkora ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mpampaa de, sɛ emu biara nkarii te, ne dwetɛ mpampaa de, sɛ emu biara nkarii te;

18ne aduhuamhyew muka no ho sika a wɔayiyi mu, ne nkarii so; ne teaseɛnam a ɛne sika kerubim a wɔtrɛw mu kata AWURADE apam adaka no so no nsusuwso.

19Ne nyinaa wɔ kyerɛw a efi AWURADE nsam baa me so no mu, na ɔkyerɛɛ me nsusuwso no ho nnwuma no nyinaa.

20 1 Be 22.13; Deut 31.6 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma wo bo nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo na ɔrennyaw wo de bɛkɔ akosi sɛ wobewie AWURADE fi som ho adwuma no nyinaa.

21Na hwɛ, asɔfo ne Lewifo nkyekyem a wɔbɛsom Onyankopɔn fi som nyinaa ni; na adwuma no nyinaa mu, wowɔ nnipa a wɔwɔ adwuma biara ho nyansa na wobeyi wɔn yam aboa; na asafohene no ne ɔman no nyinaa nso wɔ wo nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help