Gyenesis 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abraham ne Lot di ntetewmu

1Na Abram fii Misraim, ɔno ne ne yere ne nea ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, baa negeb.

2Mmb 10.12 Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa ne dwetɛ ne sika mu.

3Na odii atutena fi negeb koduu Betel, nea kan ne ntamadan si no, wɔ Betel ne Ai ntam,

4Gye 12.8 nea afɔremuka a osii kan no wɔ hɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.

5Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nguan ne anantwi ne ntamadan.

6Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, efisɛ wɔn ahode dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.

7Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfo ne Lot mmoahwɛfo ntam. Na bere no mu na Kanaanfo ne Perisifo tete asase no so.

8Nnw 133.1 Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom.

9Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w'anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho fi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.

10Na Lot maa n'ani so hwɛɛ Yordan nyinaa de kosi Soar huu sɛ ne nyinaa so wɔ nsu te sɛ AWURADE turo no te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

11Na Lot paw Yordan dantaban no nyinaa, na otutu faa apuei fam; na anuanom no dii mpaepaemu.

12Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot de, ɔtenaa Yordan dantaban no nkurow mu, na otutuu ne ntamadan ara de koduu Sodom.

13Gye 18.20; 19.4-9 Nso Sodomfo yɛ awudifo ne nnebɔneyɛfo akɛse AWURADE anim.

14Na Lot tew ne ho fii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w'ani so, na fi nea wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafo fam ne apuei ne atɔe.

15Gye 12.7 Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w'asefo na mede mɛma mo daa.

16Gye 28.14; Num 23.10 Na mɛma w'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma, na sɛ obi tumi kan asase so mfutuma a, ɛnne na obetumi akan w'asefo nso.

17Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo.

18 Gye 14.13, 24 Na Abram tutuu ne ntamadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔw a ɛwɔ Hebron no ho, na osii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help