Luka 22 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔbɔ Yesu ho pɔw bɔne(Mateo 26.1-5; Marko 14.1-2)

1Na Apiti afahyɛ a wɔfrɛ no Twam no bɛnee.

2Adidi kronkron no asehyɛ

19 Petro pa ho nkɔmhyɛ(Mateo 26.31-35; Marko 14.27-31; Yohane 13.36-38)

31 Kɔkɔbɔ bi

35 Getsemane awerɛhow(Mateo 26.30; 26.36-46; Marko 14.26; 14.32-42)

39 Yesu kyere(Mateo 26.47-56; Marko 14.43-49; Yohane 18.2-11)

47Na ogu so kasa no, hwɛ, nnipakuw bi bae a dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda di wɔn anim. Na otwiw bɛn Yesu befew n’ano.

48Na Yesu bisaa no sɛ: Yuda, wode mfewano na ɛreyi Onipa Ba no ama?

49Na wɔn a wɔwɔ ne ho no huu nea ɛrebɛba no, wobisaa no sɛ: Awurade, yɛmmobɔ wɔn nkrante anaa?

50Na wɔn mu biako bɔɔ ɔsɔfo panyin akoa, na otwaa n’aso nifa.

51Na Yesu buae sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔkaa n’aso no yɛɛ no yiye.

52Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi asafohene ne mpanyimfo a wɔbaa no so no sɛ: Mobae sɛnea moreba odwowtwafo so na mukura nkrante ne mmaa yi?

53Petro pa ne wura(Mateo 26.57-58; 26.69-75; Marko 14.53-54; 14.66-72; Yohane 18.12-18; 18.25-27)

54Na wɔkyeree no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin fi. Na Petro de, odi wɔn ntɛntɛnso wɔ akyirikyiri.

55Na wɔsɔɔ ogya adiwo hɔ na wɔtenaa ho no, Petro bɛtenaa wɔn mu.

56Na abaawa bi huu no sɛ ɔte gya no ho, na ɔhwɛɛ no dinn kae sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam.

57Na ɔsanee sɛ: Ɔbea, minnim no.

58Na ankyɛ na ɔfoforo huu no, na ose: Wo nso wufi wɔn mu. Na Petro se: Barima, mimfi wɔn mu.

59Na ɛno akyi bɛyɛ sɛ dɔnhwerew biako no, ɔfoforo bi nso de bɛtoo so sɛ: Oyi nso ne no na ɛnam ampa, efisɛ ɔyɛ Galileani.

60Na Petro se: Barima, minnim nea wuse yi. Na amonom hɔ ara a ogu so kasa no, akokɔ bɔnee.

61Luka 22.34 Na Awurade dan ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.

62Na Petro fii adi kosui yayaayaw.

Yesu ho fɛwdi(Mateo 26.67-68; Marko 14.65)

63Na mmarima a wokura Yesu mu no goruu ne ho hwee no.

64Na wɔkataa n’ani bobɔɔ n’ani so, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm, Hena na ɔbɔɔ wo no!

65Na abususɛm pii keka ho a wɔka guu no so.

Yesu gyina bagua mu(Mateo 26.59-66; Marko 14.55-64)

66 Yoh 18.24 Na ade kyee no, ɔman mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne Akyerɛwfo no behyiae, na wɔde no kɔɔ wɔn asennii

67kae sɛ: Wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn! Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mise mo a, morennye nni;

68na sɛ nso mibisa mo a, moremmua me.

69Na efi nnɛ, Onipa Ba no bɛtena Onyankopɔn tumi nifa so.

70Na wɔn nyinaa kae sɛ: Ɛnne na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.

71Na wose: Adanse bɛn na ehia yɛn bio? Na yɛn ankasa ate afi n’anom.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help