1 Samuel NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUSamuel Nhoma a edi kan no ka abakɔsɛm a efi ɔman Israel akannifo no bere so kosi ahemfo no bere so. Nsakrae a ɛbaa Israelfo asetena mu no gyina nnipa titiriw baasa bi so. Nea odi kan ne Samuel. Ɔne Israelfo mu ɔkannifo titiriw a odii akyi. Nea odi hɔ ne Saul, ɔne Israelfo ahemfo no mu nea odi kan koraa, na nea odi n’akyi ne ɔhene Dawid. Ɔno na ne mmaninne nti ofii ase dii hene fii Saul ne Samuel bere so.Nhoma no mu asɛntitiriw no fa sɛnea Apam dedaw no mu abakɔsɛm ahorow no de te ara pɛ. Ɛkyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn mu nokwaredi de nkonimdi ba na asoɔden de atoyerɛnkyɛm ba. Ɛda adi pefee wɔ nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔsɔfo Eli no mu sɛ: Wɔn a wodi me ni no medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora 2.30.Nhoma no ka anigye ne amane a ɛbaa ahenni a wɔhyɛɛ ase wɔ Israel no ho nsɛm. Onyankopɔn nko na wobuu no sɛ ɔhene ankasa wɔ Israel, nanso bere bi dui a ɔman no hwehwɛɛ sɛ wobenya wɔn hene no, Onyankopɔn paw bi maa wɔn. Nokwasɛm a ɛwɔ mu ne sɛ: Ɔhene no ne ne nkurɔfo nyinaa hyɛ Onyankopɔn tumi ne n’atemmu ase 2.7-10 Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ, ɔman ba biara, ohiani o, osikani o, ne fawohodi de wɔntoto no ase koraa.EMU NSƐMSamuel bɛyɛɛ Israelfo kannifo 1.1—7.17Saul di Israelfo so hene 8.1—10.27Saul ahenni mu mfe a edi kan 11.1—15.35Dawid ne Saul 16.1—30.31Saul ne ne mmammarima wu 31.1-13