Numeri 27 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Selofehad mmabea no kyɛfa ho asɛm

1 Num 26.33; 36.2; Yos 17.3-6 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad mmabea a wɔwɔ Yosef ba Manase mmusua mu no twiw bae; na ne mmabea no din ne: Mahla, Noa ne Hogla ne Milka ne Tirsa.

2Na wobegyinaa Mose ne ɔsɔfo Eleasar ne mmapɔmma no ne asafo mu no nyinaa anim, ahyiae ntamadan no ano kae sɛ:

3Num 16.2; 26.65 Yɛn agya wui sare so, nso ɔno de, ɔmfra asafo a wohyia tiaa AWURADE, Kora asafo no mu, na n'ankasa ne bɔne nti na owui; nso na onni mmammarima.

4Ɛdɛn nti na yɛn agya din mpopa mfi n'abusua mu sɛ onni babarima yi? Ma yɛn agyapade yɛn agya ne nuanom mu.

5Lew 24.12 Na Mose de wɔn asɛm no baa AWURADE anim.

6Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ

7Selofehad mmabea no asɛm no teɛ, na ma wɔn agyapade na wonni so wɔn agya ne nuanom mu, na ma wɔn agya agyapade no nyɛ wɔn dea.

8Na kasa kyerɛ Israelfo sɛ: Sɛ ɔbarima bi wu na onni babarima a, ɛnne momma n'agyapade nyɛ ne babea de.

9Na sɛ onni babea nso a, ɛnne momfa n'agyapade mma ne nuammarimanom;

10na sɛ onni nuammarima nso a, momfa n'agyapade mma n'agya nuanom.

11Na sɛ n'agya nni nuanom nso a, momfa n'agyapade mma ne bogya a ɔbɛn no n'abusua mu na onni so. Na eyi nyɛ ahyɛde ne mmara mma Israelfo, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no.

Wɔpaw Yosua sɛ Israel kannifo(Deuteronomium 31.1-8)

12 Deut 32.48-49 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro Abarim bepɔw yi na kɔhwɛ asase a mede merema Israelfo no;

13Num 20.24, 28 na sɛ wunya hu a, watiw wo mpanyimfo, sɛnea Aaron tiw ne mpanyimfo no,

14Deut 20.12-13 efisɛ moyɛɛ m'asɛm ho asoɔden, Sin sare so, asafo no ham no mu a ɛsɛ sɛ anka moyɛ me kronkron, nsu no ho wɔ wɔn ani so no. (Ɛne ɔham nsu no wɔ Kades, Sin sare so).

15Na Mose kasa kyerɛɛ AWURADE sɛ

16Deut 16.22 Ma AWURADE, ɔhonam nyinaa ahonhom Nyankopɔn, mpɛ ɔbarima bi nsi asafo no so

17Mat 9.36 a obedi wɔn anim afi adi na obedi wɔn anim aba mu, nea ɔde wɔn befi adi na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo.

18 Deut 3.21; 34.9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa Nun ba Yosua, ɔbarima a honhom wɔ ne mu no, na fa wo nsa gu no so.

19Na fa no gyina ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim, na hyɛ no mmara wɔn anim;

202 Ah 2.9, 15 na fa w'anuonyam no bi hyɛ no, na Israelfo asafo mu no nyinaa ntie no.

21Eks 28.30 Na onkogyina Ɔsɔfo Eleasar anim, na ommisa Urim atemmu mma no, AWURADE anim; ɔno na ɔka a, womfi adi, na ɔka a, wɔmmra mu, ɔno ne Israelfo a wɔka ne ho nyinaa, ne asafo mu no nyinaa.

22Na Mose yɛɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa Yosua de no kogyinaa ɔsɔfo Eleasar ne asafo mu no nyinaa anim,

23na ɔde ne nsa guu no so na ɔhyɛɛ no mmara, sɛnea AWURADE nam Mose so kae no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help