Nehemia 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Woti Onyankopɔn apam no mu

1Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia,

2Seraia, Asaria, Yeremia,

3Pashur, Amaria, Malkiya,

4Hatus, Sebania, Maluk,

5Harim, Meremot, Obadia,

6Daniel, Gineton, Baruk,

7Mesulam, Abigya, Miyamin,

8Maasia, Bilgai ne Semaia. Eyinom ne asɔfo no;

9ne Lewifo: Asania ba Yesua, Binui a ofi Henadad mma mu, Kadmiel,

10ne wɔn nuanom: Sebania, Hodia, Kelita, Pelaia, Hanan,

11Mika, Rehob, Hasabia,

12Sakur, Serebia, Sebania,

13Hodia, Bani ne Beninu.

14Esra 2.3; 2.6 Ɔman no atitiriw: Paros, Pahat-moab, Elam, Satu, Bani,

15Buni, Asgad, Bebai,

16Adonigya, Bigwai, Adin,

17Ater, Hesekia, Asur,

18Hodia, Hasum, Besai,

19Harif Anatot, Nebai,

20Magpias, Mesulam, Hesir,

21Mesesabel, Sadok, Yadua,

22Pelatia, Hanan, Anaia,

23Hosea, Hanania, Hasub,

24Halohes, Pilha, Sobek,

25Rehum, Hasabna, Maaseia,

26Ahia, Hanan ne Anan,

27Maluk, Harim, Baana.

28 Esra 2.70 Na ɔman no nkae, asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, nsɔfokwaa ne wɔn a wɔtew wɔn ho fii nsaase so aman ho baa Onyankopɔn mmara ho no, wɔn yerenom, wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, animdefo ne nhumufo nyinaa,

29wɔbataa wɔn nuanom a wɔwɔ din no ho, na wɔdomedomee wɔn ho na wɔkekaa ntam sɛ wobedi Onyankopɔn mmara a wɔnam Onyankopɔn akoa Mose so hyɛe no so, na wɔbɛhwɛ na wɔayɛ AWURADE yɛn wura mmara nsɛm ne n’atemmude ne n’ahyɛde nyinaa;

30ne sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma asase no sofo, nanso yɛremfa wɔn mmabea mma yɛn mmammarima.

31Neh 13.15-16; Amos 8.5 Na sɛ asase no sofo de adetɔnne anaa aduan biara ba bɛtɔn homeda a, yɛrentɔ wɔn hɔ homeda anaa da kronkron bi; na yebegyaw nnɔbae a ɛwɔ afe a ɛto so ason no mu, na yɛrennan ka biara.

32Afei yɛhyɛ yɛn ho mmara sɛ, yɛde nnwetɛbona nkyem abiɛsa mu biako bɛma daa afe, na wɔde ama yɛn Nyankopɔn fi som no;

33ama Kyerɛ Abodoo ne daa aduan afɔre ne daa hyew afɔre, home nna de, asram foforo de, ama afahyɛ ne akronkronne ne bɔne ho afɔre, sɛ wɔmfa mpata mma Israel ne yɛn Nyankopɔn fi adwuma nyinaa.

34Lew 6.12 Nanso yɛtwee nnyina ayɛyɛde ho ntonto, asɔfo, Lewifo, ne ɔman no, sɛ wɔmfa mmra yɛn Nyankopɔn fi, sɛnea yɛn mpanyimfi te, afe afe mu, bere a wɔahyehyɛ mu, na wɔasɔ AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔremuka no so, sɛnea wɔakyerɛw mmara no mu no.

35Eks 23.19 Na yɛhyɛe sɛ yɛde yɛn asase so aduankan ne nnua nyinaa aba a edi kan bɛba AWURADE fi daa afe,

36Eks 13.2 na yɛde yɛn mmammarima ne yɛn mmoa mmakan nso, sɛnea wɔakyerɛw no mmara no mu no, ne yɛn anantwi ne yɛn nguan mmakan bɛba yɛn Nyankopɔn fi de abrɛ asɔfo a wɔsom yɛn Nyankopɔn fi no,

37Num 18.21 na yɛde yɛn mmɔrekan ne yɛn soma afɔrebɔde ne nnua nyinaa aba ne nsa ne ngo nso bɛba de abrɛ asɔfo no, sɛ wɔmfa ngu yɛn Nyankopɔn fi mpia no mu; na yɛde yɛn asase so ntotoso du du bɛma Lewifo no, na wɔn Lewifo no anya ntotoso du du, nkuraase a yɛdɔw mu no nyinaa mu.

38Num 18.26, 28 Na ɔsɔfo, Aaron ba, nka Lewifo no ho bere a Lewifo no regye ntotoso du du no, na Lewifo no mfa ntotoso du du no mu nea ɛto so du no mmra yɛn Nyankopɔn fi, na wɔmfa ngu adekora adan mpia no mu.

39Na Israelfo ne Lewifo no nyinaa mfa aduan ne nsa ne ngo soma afɔrebɔde no mmra mpia no mu, na ɛhɔ na kronkronbea nnwinne ne asɔfo a wɔsom ne apon ano hwɛfo ne nnwontofo no wɔ; na yɛrennyaw yɛn Nyankopɔn fi no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help