Deuteronomium 32 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mose Dwom no

1 Deut 31.28; Yes 1.2 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa,

na asase ntie m’anom nsɛm!

2 Yes 55.10-11 Me kyerɛ nsosɔ sɛ nsu,

na me kasa ngu sɛ obosu,

sɛ wura so mfetema

ne nhaban so hasu.

3Na AWURADE din na mɛbɔ:

Momfa nidi mma yɛn Nyankopɔn.

4Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,

na n’akwan nyinaa yɛ trenee;

ɔyɛ nokware Nyankopɔn

na nkontompo nni no mu;

ɔtreneeni ne teefo ne no.

5 Yes 1.2-4 Wɔadi no asɛmmɔne,

wɔn nkekae nti,

wɔnna so nyɛ ne mma,

wɔyɛ awo ntoatoaso kɔntɔnkye a wɔakyea.

6 Eks 4.22; Yes 63.16; Mal 1.6 So AWURADE na mutua no ka sɛɛ yi?

Ɔman nkwaseafo a wonni ti!

So ɛnyɛ ɔno ne w’agya a onyaa wo?

Ɔno na ɔyɛɛ wo

na ɔde wo tim hɔ.

7 Nnw 77.11 Kae tete nteredee nna,

hwɛ awo ntoatoaso dodow no mfe;

bisa w’agya, na ɔnkyerɛ wo,

wo mpanyimfo, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Gye 11.8; Aso 17.26 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman,

ɔpaepaee Adam mma mu no,

ɔde aman no ahye totoo hɔ sɛ Israelfo ano si.

9Na AWURADE kyɛfa ne ne man,

Yakob ne n’agyapade a

wɔasusuw ama no.

10 Nnw 17.8; Sak 2.8 Ohuu no sare asase so ne nkyerekyerewa so,

sare pradada so nkekaboa su mu;

otwaa ne ho hyiae,

ɔhwɛɛ no so yiye,

ɔkoraa no so sɛ n’aniwa kurutiayisi.

11 Nnw 36.7; Eks 19.4 Sɛ ɔkɔre hwanyan ne buw

na otu bɔ ne mma so mfamfia no,

ɔtrɛw ne ntaban mu faa no,

ɔsoaa no ne ntakra so.

12AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan,

na ɔnananyame bi anka ne ho.

13 Nnw 81.16 Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe,

na odii asase so nnɔbae;

na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu,

ne ngo fii abohemmaa mu,

14anantwi nufusu ani srade,

ne nguan nufusu,

ne nguammuruwa srade,

ne Basan adwennini ne mpapo de,

ne awi asaabo mu srade,

na wonom bobe aba mu mogya gyenennyenen.

15 Yes 44.2; Deut 31.20 Na Yesurun dɔɔ srade,

na ɔtow anankoti;

woadɔ srade ayɛ kɛse,

wo mu ayɛ duru;

na ogyaw Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no,

na obuu ne nkwagye botan no abomfiaa.

16Wɔde ananafo anyame ma ɔtwee ninkunu,

wɔde akyide huruu ne bo.

17Wɔbɔɔ afɔre maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn,

anyame a wonnim wɔn,

afoforo a ɛbae akyiri yi

na wɔn agyanom amfɛre wɔn.

18Ɔbotan a ɔwoo wo no,

woannwen no so,

na wo werɛ afi Onyankopɔn a

ɔkyem woo wo no.

19Na ne mmabanin ne ne mmabea ho ahi nti

AWURADE hui no,

ɔpoo wɔn,

20na ɔkae sɛ:

Meyi m’ani mahintaw wɔn,

mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie,

na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn,

mma a nokware nni wɔn mu.

21 Yer 2.11; Rom 10.19 Wɔn de, wɔde nea ɛnyɛ Onyankopɔn ma metwee ninkunu,

wɔde wɔn adehuhuw yi me ahi:

Na me nso mede nea ɛnyɛ ɔman mɛma wɔatwe ninkunu,

mede ɔman nkwasea bi

na ɛbeyi wɔn ahi.

22Na ogya asɔ m’abufuw mu,

na ɛredɛw akodu asaman ase,

na ɛrehyew asase ne ne nnɔbae,

ɛde ogya ato mmepɔw nnyinaso mu.

23 Nnw 91.5 Mɛboaboa mmusu ano agu wɔn so,

mɛhwere m’agyan masɛe wɔn.

24Ɔkɔm bɛfɔn wɔn,

na ahoɔhyew ne ɔyare yawyaw bɛmene wɔn;

na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu,

ne mfutuma mu awɔ bɔre.

25Nkrante bɛfa wɔn mma abɔnten so,

na ehu akum wɔn mpia mu,

aberante ne ababaa,

akokoaa ne nea wafuw dwen nyinaa.

26Anka mise: Mehuw wɔn agu,

mɛma wɔn nkae to atwa afi nnipa mu,

27sɛ ɛnyɛ ɔtamfo ahiiyi na misuro a,

na wɔn ahohiafo annan me nsusuwii ani,

na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim

na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ eyi nyinaa.

28 Yes 27.11; Yer 4.22 Na wɔyɛ ɔman a nyansa abɔ wɔn,

na nhumu bi nni wɔn mu.

29Sɛ wɔyɛ anyansafo a,

anka wɔbɛte eyi ase,

na wɔahu wɔn awiekyiri.

30 Lew 26.8, 36-37 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn

na AWURADE ayi wɔn ama a,

anka ɛbɛyɛ dɛn na obiakofo bɛtaa apem,

na baanu ama ɔpedu aguan?

31Efisɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan,

na yɛn atamfo po bu atɛn sa.

32Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fi,

ɛne Gomora mfuwa mu;

wɔn aba yɛ bɔre aba,

wɔsow akasiaw a ɛyɛ nwene;

33wɔn nsa yɛ atweaseɛ bɔre

ne nhurutoa bɔre a ano yɛ den.

34 Deut 29.29 So wɔnkoraa eyinom wɔ me nkyɛn,

na wɔnsɔɔ ano m’adekorabea?

35 Nnw 94.1; Rom 12.19; Heb 10.30 Me na aweredi ne akatua wɔ me,

ɛbere a wɔn nan bɛwatiriw no.

Na wɔn dwerɛw da abɛn,

na nea wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 1 Ah 14.10 Na AWURADE bebu ne man atɛn,

na ne nkoa ade bɛyɛ no mmɔbɔ,

bere a obehu sɛ wɔagurow koraa,

na akoa anaa ɔdehye nni hɔ bio.

37Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ,

ɔbotan a wɔde wɔn ho too so no?

38 Ate 10.14 Wɔn a wodii wɔn afɔre srade,

na wɔnom wɔn ahwiesa no?

Ma wɔnsɔre mmɛboa mo,

ma wɔnyɛ mo so nkataso.

39 Deut 4.35; Yes 45.5; Eks 15.26; 1 Sa 2.6; Hiob 5.18; Hos 6.1-2 Afei munhu sɛ me ara mene no,

na onyame bi nka me ho.

Me na mikum, na mema nkwa,

mipira, na me na mesa,

na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.

40 Eks 6.8; Hes 33.11 Na mema me nsa so mekɔ ɔsoro,

na mise: Sɛ mete ase daa yi!

41Sɛ mesew me nkrante nnyinamnyinam no

na me nsa so atemmu mu a,

medi wɔn a wɔne me di asi were,

na matua m’atamfo ka.

42Mɛma m’agyan abow mogya,

na me nkrante adi nam:

Atɔfo ne nnommum mogya,

ɔtamfo ti a apɛsɛw no.

43 Rom 15.10 Amanaman, mo ne ne man mmɔ ose,

efisɛ obedi ne nkoa mogya so were,

na ɔde aweredi betua n’atamfo ka,

na wapata ama n’asase, ne man.

44Na Mose bae bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no asom, ɔno ne Nun ba Yosua.

45Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46Deut 6.7 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo koma nto nsɛm a meredi mo ho adanse nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47Lew 18.5 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akodi so no so.

Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔw so

48Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49Num 27.12-14; Deut 3.23-27 Kɔforo Abarim bepɔw yi, Nebo bepɔw a ɛwɔ Moab asase so, Yeriko ntentenso no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfo sɛ wɔmfa no.

50Num 20.23-29 Na wu wɔ bepɔw a woreforo akɔ so no so, na wɔmmoaboa wo nkɔ wo nkurɔfo nkyɛn, sɛnea wo nua Aaron wui Hor bepɔw so na wɔboaboaa no kɔɔ ne nkurɔfo nkyɛn no,

51Deut 20.12-13 efisɛ mofom me Israelfo mu, ɔham nsu a ɛwɔ Kades, Sin sare so no ho, esiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfo mu.

52Deut 34.4 Na wubehu asase no w’anim, na ɔkɔ de, worenkɔ asase a mede merema Israelfo no so hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help