Asomafo 6 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Asafo mu asomfo yi

1 Aso 4.35 Na nna no mu a asuafo no redɔɔso no, huhuhuhu baa Helenfo no mu tiaa Hebrifo no sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akunafo daa ɔhwɛ a wɔhwɛ wɔn no so.

2Na dumien no frɛɛ asuafokuw no bae, na wɔkae sɛ: Ɛmfata sɛ yebegyaw Onyankopɔn asɛm akɔsom apon so.

31 Tim 3.7-8 Enti, anuanom, mompɛ mo mu mmarima baasɔn a wɔwɔ din pa a Honhom ne nyansa ayɛ wɔn ma, na yɛmfa wɔn nsi adwuma yi so;

4na yɛn de, yɛbɛkɔ so ara akura mpaebɔ ne anyamesɛm no som mu.

5Aso 8.5 Na asɛm no sɔɔ nnipakuw no nyinaa ani. Na wɔpaw Stefano, ɔbarima a gyidi ne Honhom Kronkron ayɛ no ma, ne Filipo ne Prokoro ne Nikanor ne Timon ne Parmena ne Nikolao a ofi Antiokia a wadan Yudani.

6Aso 1.24; 13.3; 14.23 Eyinom na wɔde wɔn gyinaa asomafo no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.

7 Aso 19.20 Na Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ osetie maa gyidi no.

Stefano kyere

8Na Stefano a gyidi ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse ɔman no mu.

9Na nnipa bi a wofi hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodifo hyiadan ne Kirenefo ne Aleksandriafo ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia sɔree, na wɔne Stefano gyee akyinnye,

10Luka 21.15 nanso wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.

11Mat 26.60-66 Ɛnna wɔne nnipa bi hyehyɛe ma wɔkae sɛ: Yɛate sɛ ɔkaa abususɛm tiaa Mose ne Nyankopɔn.

12Na wɔhwanyan ɔman no ne mpanyimfo ne Akyerɛwfo no mu, na wɔbaa no so bɛkyeree no twee no kɔɔ gua mu.

13Yer 26.11 Na wɔde adansekurumfo begyinaa hɔ a wose: Onipa yi nnyae abususɛm a ɔka tia kronkronbea hɔ ne mmara no ka.

14Na yɛate sɛ ɔkae sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakra amanne a Mose de ama yɛn no.

15Na wɔn a wɔte guam hɔ no nyinaa hwɛɛ no dinn, na wohui sɛ n’anim te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help