Hiob 18 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Bildad kasa sɛ: Abɔnefo bɛsɛe

1Ɛnna Suhini Bildad buae sɛ:

2Mobɛkɔ nsɛnkeka so akosi da bɛn?

Munnwen ho, na ɛno akyi no, yɛakasa.

3 Hiob 17.4, 10 Adɛn na wobu yɛn sɛ mmoa,

na yɛyɛ mo ani so tibɔnkɔso anaa?

4Wo a wotetew wo ho w’abufuw mu,

so wo nti na wobegyaw asase,

na wɔatu ɔbotan afi ne sibea anaa?

5 Hiob 18.18; 21.17; Nnw 73.18-20; Mmb 13.9; 24.20 Nanso ɔbɔnefo kanea bedum,

na ne gyaframa renhyerɛn.

6Hann beduru sum, ne ntamadan mu,

na ne kanea adum wɔ no so;

7n’ahoɔden anammɔn ano bɛmoa,

na n’agyinatu ahwe no ase.

8Na n’ankasa ne nan bɛka no ato atena mu,

na wanantew mfiri so.

9Nsɛmma beso ne nantin

na nkyehama akyekyere no.

10Wɔde hentia behintaw fam ama no,

na wɔasum no afiri ɔkwan so.

11 Lew 26.36 Ehu bekita no mmaa nyinaa ahyia,

na atiw no n’anammɔn mu.

12Ɔkɔm bɛsɛe n’ahoɔden,

na mmusu ama wahintiw.

13Ebedi ne honam akwaa,

yiw owu abakan bedi n’akwaa.

14Wobetu n’anidaso afi ne ntamadan mu,

na wɔde no akɔ ahude mu hene no nkyɛn.

15Nea ɛnyɛ ne dea bɛtena ne ntamadan mu,

wɔbɛbɔ sufrɛ apete ne tenabea.

16Ne ntini bewuwu wɔ n’ase,

na n’abaa agunguan wɔ soro.

17 Mmb 10.7 Ne nkae bɛsɛe afi asase so,

na ɔrennya din asase ani.

18Wobesum no afi hann mu akɔ sum mu,

na wɔapam no afi wiase.

19Ɔrennya mma ne mmanana ne man mu,

na aseni bi renka n’atenae.

20 Nnw 37.13 Ne da bɛyɛ wɔn a wɔwɔ atɔe ahodwiriw,

sɛnea ehu kitaa wɔn a wɔwɔ apuei no.

21Ampa ara, sɛnea amumɔyɛfo tenabea te ni,

na nea onnim Onyankopɔn no nso kyɛfa ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help