1Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfo no asom no, ɔkɔhyɛn Kapernaum.
2Na asraafo ha so panyin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu.
3Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yare.
4Na woduu Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no dennen sɛ: Ɔfata sɛ wobɛyɛ saa ade yi ama no;
5efisɛ ɔdɔ yɛn man, na ɔno na wasi hyiadan ama yɛn.
6Na Yesu ne wɔn kɔe. Na ɔreyɛ abɛn ofi no ho no, asraafo ha so panyin no somaa ne nnamfo bi baa ne nkyɛn besee no sɛ: Owura, nhaw wo ho, na mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase;
7enti nso na mammu me ho sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn, na ka asɛm nko na m’akoa no ho nyɛ no den.
8Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.
9Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ.
10Na wɔn a wɔsomaa wɔn no san kɔɔ fie no, wokohuu akoa a ɔyaree no sɛ ne ho ayɛ no den.
Nain kunafo no ba11Na ɛbae sɛ n’adekyee no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na n’asuafo ne nkurɔfo pii ne no kɔe.
12Yesu di Yohane ho adanse
24Na Yohane abɔfo no kɔe no, ofii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Ɛdɛn na mufii adi kɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire a mframa rehim?
25Anaasɛ ɛdɛn na mufi kɔhwɛe? Onipa a ɔhyɛ ntade bɔkɔɔ? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntade pa na wɔn asetenam yɛ wɔn dɛ wɔ ahemfi.
26
Hwɛ, meresoma me bɔfo adi w’anim
a obesiesie wo kwan adi w’anim.
28 Ɔbea debɔneyɛfo
36
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
