Nyansa 2 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Adwene a ɛho ntew

1Wɔtoatoaa adwene a ntease nni mu sisee wɔn ho sɛ:

Yɛn nkwanna yɛ tiaa, na ɛyɛ awerɛhow nso,

na onipa awiei du a,

aduru biara nni hɔ,

na obiara nni hɔ a,

wakɔ asaman na wasan aba bio.

2Wɔwoo yɛn ara pɛ,

na yɛabɛyɛ sɛ gyama yɛnntenaa ase mpo da;

efisɛ yɛn ahome a ɛwɔ yɛn hwenem te sɛ wusiw,

na adwentoatoa te sɛ anyinam,

yɛn koma bɔ a na atwam.

3Sɛ edum a, onipadua bɛyɛ sɛ nso,

na sunsum no bɛhyera sɛ mframa ara kwa.

4Yɛn din bɛyera ntɛm ara,

na obiara renkae yɛn adwuma;

yɛn nkwabere betwam sɛ

suwusiw ɔhare so,

na ahwete sɛ kusukuukuu a

awia hyerɛn pam no

na ne hyew ahyɛ no.

5Efisɛ yɛn hyɛbere yɛ sunsuma a, ɛretwam,

na yɛn nna awiei wontu nhyɛ da

esiane sɛ wɔasɔw ano na obiara nsan n’akyi.

6 Yes 22.13; 1 Ko 15.32 Ne saa nti bra ma yɛmfa

nneɛma pa a ɛwɔ hɔ yi nyɛ yɛn ho bi,

na yɛmfa abɔde nyɛ adwuma

pii yɛn mmerantebere mu.

7Momma yɛnnom nsa a ne bo yɛ den

na yɛmfa Aduhuam nyɛ yɛn ho mmoroso,

na mmma yɛmma afifibere mu nhwiren

nntwa yɛn ho nnkɔ.

8Momma yɛmfa nhwiren fɛfɛ nhyehyɛ yɛn ho

ansa na akyenkyen.

9Mmma yɛn mu biara nnyi ne ho mmfi yɛn anigyede mu.

Momma yenya ahosɛpɛw sɛnkyerɛnne wɔ baabiara,

efisɛ eyi ne yɛn fam de,

na eyi ne yɛn hyɛbere.

10Momma yɛnteetee ɔtreneeni hiani

na mmma yɛmmfa okunafo ho nnkyɛ no,

mommma yemmu ɔpanyin ne atifi dwen hwee.

11Mmom momma yɛn ahoɔden nyɛ yɛn mmara kwan.

Efisɛ nea ɔyɛ mmerɛw no

ara kyerɛ sɛ ne ho nni mfaso.

12Momma yɛnkɔ nnipa trenee atɛw,

efisɛ wɔhaw yɛn adwene na wɔmpene yɛn nneyɛe so;

wotwiw yɛn anim wɔ mmrato ho

na wɔbɔ yɛn sobo wɔ yɛn ntetewee ho.

13Ɔfa ne ho sɛ ɔwɔ Nyankopɔn ho nimdeɛ

na ɔfrɛ ne ho AWURADE akoa.

14Yɛn tirimmɔ nti ɔka yɛn anim,

15n’animhu ara mpo yɛ adesoa ma yɛn,

efisɛ n’abrabɔ nte sɛ ebinom de,

na n’akwan yɛ sonowonko.

16Obu yɛn sɛ yɛyɛ biribi teta,

na okyi yɛn akwan sɛ emu ntew;

ɔfrɛ ɔtreneeni awiei sɛ papa,

na ɔde tu ne ho sɛ Onyankopɔn ne n’agya.

17Momma yɛnhwɛ sɛ ne nsɛm yɛ nokware a,

na yɛnhwɛ nea ebesi wɔ n'abrabɔ awiei;

18Sɛ onipa trenee no yɛ Nyankopɔn ba a, ɔbɛboa no,

na obegye no afi n’atamfo nsam.

19Momma yɛmfa adapaa ne ateetee nsɔ no nhwɛ,

na ama yɛahu sɛ odi ne ho ni anaa,

na yɛasɔ n'abodwokyɛre ahwɛ.

20Momma yemmu no fɔ mma animguase wu,

efisɛ, sɛnea n'ankasa ka no

wɔbɛbɔ ne ho ban.

21Saa na wosusuwii na mmom wɔyerae,

esiane sɛ, wɔn amumɔyɛ furaa wɔn ani,

22na wonnim Onyankopɔn atrimpɔw ne ne botae

nso wɔhwɛɛ kwan sɛ wobenya wɔn kronkronyɛ mu akatua,

nso wɔansusuw akra afobu ho.

23 Gye 1.26, 27 Efisɛ Nyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so sɛ ɔnyɛ kronkron,

24mmom ɛnam ɔbonsam nitan so

na owu baa wiase,

na nnipa a wɔwɔ n’afa no, te nka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help