1Bere a wowiee adidi no, wɔde Tobias kɔɔ Sara nkyɛn wɔ ne dan mu.
2Ɔkɔe no, ɔkae Rahael nsɛm no, na oyii apataa no koma ne ne brɛbow fii kotoku no mu, de guu nyansrama so ma epun wusiw.
3Mat 12.43 Na bere a ɔbonsam no tee hua no oguanee kɔɔ Misriam akyirikyiri baabi, na ɔsoro bɔfo no tiw no, kyekyeree ne nsa ne n'anan.
4Bere a awofo no fii adi no, wɔtoo pon mu ma ɛkaa wɔn baanu no nko wɔ hɔ, ɛnna Tobias sɔree wɔ mpa no so kae sɛ: Awuraa, sɔre ma yɛmmɔ mpae na Awurade nhu yɛn mmɔbɔ.
5Enti wɔsɔree na wofii ase bɔɔ mpae sɛ:
Nhyira nka wo, O yɛn agyanom Nyankopɔn,
na nhyira nka wo din, awontoatoaso nyinaa,
ma ɔsoro ne w'abɔde nyinaa nhyira wo afebɔɔ.
6 Gye 2.18 Wo na wobɔɔ Adam, na wode ne yere Hawa maa no
sɛ ɔboafo ne okyigyinafo,
Wɔn mu na adasamma fi bae.
Wo na wokae sɛ, ennye sɛ onipa nko bɛtena;
momma yɛmma no ɔboafo te sɛ ɔno ara.
7Na afei, Awurade, manya me hokafo yi,
ɛnyɛ ɔhonam akɔnnɔ so,
mmom adwen pa nti.
Yɛ yɛn adom na hu yɛn mmɔbɔ,
na yenyin nyɛ mpanyimfo.
8Na wɔn baanu no gyee so sɛ: Amen.
9Ɛno akyi no wɔn baanu nyinaa kɔdae.
Nanso Raguel sɔree na ɔfrɛɛ ne nkoa na wɔkɔbɔɔ da,
10efisɛ n'adwene yɛɛ no sɛ: Anyɛ a Tobias nso bewu na nkurɔfo abɛserew no.
11Na wowiee da no bɔ no, Raguel kɔɔ ne fi kɔfrɛɛ ne yere sɛ:
12Soma wo mmaawa no mu biako ma ɔnkɔhwɛ sɛ wawu anaa; na yɛasie no a, obiara nte ho hwee.
13Nti abaawa no buee pon no kɔɔ mu, na okohuu sɛ wɔn baanu nyinaa adeda.
14Na opuei bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɔte ase.
15Enti Raguel hyiraa Ɔsoro Nyankopɔn ɔkae sɛ:
Raguel ne MpaebɔNhyira nka wo, O Nyankopɔn, nhyira kronkron nka wo,
Ma w'ahotewfo ne w'abɔde nyinaa nhyira wo;
Ma wonhyira wo afebɔɔ.
16Nhyira nka wo, efisɛ woama maserew.
Amma no sɛnea misusuwii no
mmom wo ne me adi no sɛnea w'ayamye kɛse no te.
17Nhyira nka wo, w'ayamye nti
efisɛ woahu mma baanu yi mmɔbɔ.
Awurade, hu wɔn mmɔbɔ na kora wɔn so;
ma wɔn abrabɔ nwie mudi,
wɔ anigye ne ahummɔbɔ mu.
18Akyiri yi ɔhyɛɛ ne nkoa no sɛ, wonkosiw da no ansa na ade akye.
Ayeforo ase Aponto no19Eyi akyi no ɔmaa ne yere too brodo, na ɔkɔɔ nguannan mu kɔkyeree anantwi mma abien, ne adwenini anan kunkum wɔn de siesie ayeforo aduan.
20Ɛno akyi ɔfrɛɛ Tobias na ɔkaa no ntam sɛ: Mma ommfi fie hɔ nnkɔ, mmom ɔntwɛn nnawɔtwe abien, na onnidi na ɔnnom na onnye ne babea no ani.
21Na fa m'agyapade fa, kɔ no asomdwoe mu kɔma w'agya, na nea aka no bɛyɛ wo, ne wo yere de kosi sɛ mewu. Nya akokoduru me ba. W'agya ne me, na Edna nso yɛ wo na, yɛn nyinaa yɛ wo dea, nti nsuro.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.