1Wim ahonyade ne awia haran a ɛwɔ ɔsorosoro nohoa, etim hɔ ma ɛyɛ fɛ,
ɛyɛ fɛ na ɛhyɛ ɔsoro anuonyam!
2Sɛ awia pue a, ɔnam no, na ɔrekasa,
ɛyɛ abɔde a ɛyɛ nwonwa, ɛyɛ Ɔsorosoroni no adwinni.
3Edu owigyinae a, ɔma asase so yɛ hyew;
na hena na obetumi agyina ne hyew dennennen no ano?
4Onipa a ɔdannan fononoo mu gya no yɛ no ɔhyew ano,
nanso awia ano hyew no, yɛ mmɔho mprɛnsa, ɔhyew mmepɔw mpo.
Ne home yɛ ogya huhuro,
na ne nsensan hyerɛn fura nnipa ani.
5Awurade a ɔbɔɔ no no, ho yɛ hu, enti
ɔkasa a, na awia nam ne kwan so ntɛm.
Ɔsram anuonyam6Ɔsram na ɛkyerɛ wim nsakrae,
ɔkyerɛkyerɛ bere mu, na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne ma ase tim.
7Ɔsram na ɔkyerɛ afahyɛ nna ho asɛnkyerɛnne,
hann a ɛso huan bere a, ɛrewie ne ntwaho no.
8Ɔsram foforo, sɛnea ne din kyerɛ no, yɛ ne ho foforo,
sɛnea ɔsakra ne ho no yɛ nwonwa,
ɔkyerɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma,
opue hyerɛn wɔ wim.
Nsoromma anuonyam ne nyakotɔn9Nsoromma anuonyam ne ɔsoro ahoɔfɛ,
ɛhyerɛnhyerɛn sɛnea wɔaboa wɔn ano wɔ Awurade anim.
10Ɔkronkronni no kasa a wɔn mu biara gyina ne gyinabea,
wɔwɛn na wɔnhome da.
11Hwɛ nyankontɔn, na hyɛ nea ɔyɛe eyi no anuonyam,
ɛyɛ fɛ dodo wɔ ne hyerɛn ho.
12Ɔde n’anuonyam hankrasin twa wim kanko,
Ɔsorosoroni no nsa na ɛyɛɛ eyi.
Ɔbɔade ho yɛ nwonwa13Ɔhyɛ ma asukotwea tɔ,
ɔma n'atemmu twam ɔhyew so.
14Ne saa nti adekoradan no abuebue,
na omununkum tu fi mu sɛ anomaa.
15Ne tumi mu na ɔma omununkum boaboa ano,
na obubu amparuwbo mu nketenkete.
16Oyi n’anim a na mmepɔw ho popo;
ne pɛ mu na ɔma po mu mframa bɔ.
17N'apenanaa nne ka asase anim;
saa ara na ahum a efi atifi no bɔ hoo.
Ɔpete asukɔtwea sɛ nnomaa a woretu aba fam.
Na wɔn fam ba, te sɛ mmɛbɛw a wɔreba fam.
18Aniwa di adanse sɛ, ɛyɛ fitaa na ɛyɛ fɛ ma ɛyɛ hu,
na ɛtɔ fam a, adwene ntumi nte ase .
19Ohwie obosu gu asase ani sɛ nkyene,
na sɛ ɔkyekyere a, ɛte sɛ nsɔe hweahwea.
20Atifi mframa bɔ,
na amparuwbo kyekyere wɔ nsu no so;
egyina nsutae biara so
na nsu no dan yɛ sɛ nkatabo.
21Ɛmemene nkoko na ɛhyew sare,
na ɔma sare momono hyew sɛnea wɔde gya atɔ mu.
22Kusukuukuu sakra eyinom nyinaa ntɛm so,
sɛ bosu tɔ a, ɛma enya ahomeka fi ɔhyew no ano.
23Ne nhyehyɛe mu na ɔma obun kɛse taa dinn
na ɔde supɔw sisi mu.
24Wɔn a wotu kwan wɔ po so no, ka asiane a ɛwɔ mu,
na nea yɛte no ma yɛbɔ hu.
25Emu wɔ mmoa a wɔn ho yɛ hu ma ɛyɛ nwonwa,
abɔde ahorow a ɛte ase nyinaa bi wɔ mu, akɛse ne po mu sasabonsam.
26Ɔnam eyi so ma, n'asomafo di wɔn dwuma yiye,
na n’anom asɛm ma nneɛma nyinaa bɔ mu tena komm.
27Yebetumi akasa pii nanso, ne nyinaa besua ara,
ma yɛn kasa nyinaa nwie sɛ: Ɔno ne ade nyinaa.
28Hefa na yebenya ahoɔden de ayi no ayɛ?
Efisɛ ɔso kyɛn n'abɔde nyinaa.
29Awurade ho yɛ hu, na ɔyɛ okokroko ankasa,
na ne tumi yɛ nwonwa.
30Yi Awurade ayɛ na kamfo no sɛnea wubetumi;
Efisɛ ɔboro saa mpo koraa.
Sɛ wo kamfo no a, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,
efisɛ w'ayeyi no nnu hwee koraa.
31Hena na wahu no a obetumi akyerɛ sɛnea ɔte,
anaasɛ hena na obetumi akamfo no ama afata no?
32Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsoso kyɛn eyinom a ahintaw,
efisɛ n’abɔde mu kakraa bi na yehu.
33Efisɛ Awurade ayɛ nneɛma nyinaa,
na nea ɔwɔ nyamesuro no, wadom no nyansa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.