Ɔsɛnkafo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUƆsɛnkafo Nhoma no fa Onimdefo nsusuwii ho. Ɔyɛ onipa bi a watena ase dinn adwennwen yiye sɛnea onipa asetena yɛ tiaa, emu adannan ne emu atirimmɔdensɛm ne ɔhaw ahorow no, na osii so dua sɛ, “Abrabɔ yɛ ade huhuw”. Ontumi nte Onyankopɔn a okura onipa nkrabea no akwan ase. Nanso eyinom nyinaa akyi no otu adasamma fo sɛ wɔnyɛ adwumaden, na wɔn ani nnye Onyankopɔn akyɛde a ɔde ama wɔn no ho ara sɛnea wobetumi.Onimdefo no nsusuwii no dodow no ara kyerɛ abasamtu ne nsanakyiri. Nanso esiane sɛ nhoma yi wɔ Bible no mu nti, ɛkyerɛ sɛnea nhoma yi mu gyidi kɔ akyiri fa, ma mpo etumi siw akyinnye ne abasamtu kwan. Nnipa pii hwɛ asetena mu nsɛm, de toto nea ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu ho a, wonya abotɔyam, ma wohu sɛ nhoma koro no a eyi saa nsusuwii yi adi no, hyɛ nnipa gyidi den wɔ Onyankopɔn mu na ɛma ntease kɛse ba onipa abrabɔ mu.EMU NSƐMSo abrabɔ wɔ botae bi 1.1—2.26

Abrabɔ ho nsɛm bi 3.1—11.8

Afotusɛm no awiei 11.9—12.8

Mmoano 12.9-14

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help