2 Berɛsosɛm 10 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ɔman no mpaepaemu(1 Ahene 11.41-43)

1 1 Ah 12.1-19 Na Rehoboam siim kɔɔ Sekem, na Sekem na Israelfo nyinaa aba sɛ wɔrebesi no hene.

21 Ah 11.40 Na Nebat ba Yeroboam a ɔwɔ Misraim nea ofi ɔhene Solomon anim guan kɔe no tee. Ɛnna Yeroboam san fii Misraim bae.

3Na wɔsoma kohyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ:

4W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru papa, na afei yi w’agya ɔsom dennen ne ne kɔndua duruduru a ɔde too yɛn so no ma ɛnyɛ hare, na yɛnsom wo.

5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nnansa monsan mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe.

6Na ɔhene Rehoboam ne mpanyimfo a n’agya Solomon te ase no, wɔyɛ n’afotufo no tuu agyina sɛ: Ɛfo bɛn na moretu me na mede makobua ɔman yi?

7Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ ɔman yi yiye na wosɔ wɔn ani na woka wɔn nsɛm pa a, ɛnne wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.

8Na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no, na ɔne mmofra a wɔne no nyinii a wotu no fo no kotuu agyina,

9na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfo bɛn na mo nso, moretu, na yɛde akobua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔndua a w’agya de too yɛn so no so ma ɛnyɛ hare, no?

10Na mmofra a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, sɛɛ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Me kokɔbɛto so sen m’agya asen.

11Na afei, m’agya de kɔndua duruduru soaa mo, na me de, mɛto mo kɔndua no so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo.

12Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no.

13Na ɔhene no de asɛnnennen buaa wɔn, na ɔhene Rehoboam gyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no,

14na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛnea mmofra no tuu no fo no sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto so, m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.

151 Ah 11.29, 31 Na ɔhene no antie ɔman no, efisɛ Onyankopɔn na ɔdan no saa, sɛ AWURADE bɛma n’asɛm a ɔnam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu.

16Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene no antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene no sɛ:

Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu?

Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu.

Israel, monkokɔ mo afi mu!

Afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi.

Ɛnna Israel nyinaa siim kokɔɔ wɔn afi mu.

17Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene.

18Na ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a odi adwuma tow so no, na Israelfo no siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm foroo teaseɛnam sɛ ɔreguan akɔ Yerusalem.

19Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help