1 Samuel 27 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Dawid wɔ Filistifo asase so

1Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa.

21 Sa 21.10; 1 Ah 2.39 Na Dawid sɔree, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaam kɔɔ Gat hene Maok ba Akis nkyɛn.

31 Sa 25.40-43 Na Dawid ne Akis tenae wɔ Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fifo, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no.

4Na wɔka kyerɛɛ Saul sɛ: Dawid aguan kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio.

5Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wuram nkurow no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na ɛdɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkurow mu?

6Yos 15.31; Ate 1.19 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag dan Yuda ahene de de besi nnɛ.

7Na nna a Dawid de tenaa Filistifo asase so no yɛ afirihyia ne asram anan.

8Na Dawid ne ne mmarima no kɔe kotuaa Gesurfo ne Gersifo ne Amalekfo; na wɔn na wɔtete asase no so fi teteete, de kodu Sur a ɛde kɔ Misraim asase so.

9Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn.

10Na Akis kae sɛ: Ɛhe na mokɔɔ afow nnɛ? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda nifa ne Yerahmeelifo nifa ne Kenifo nifa fam.

11Na Dawid annyaw ɔbarima anaa ɔbea bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, efisɛ ose: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifo asase so no nyinaa, sɛ ɔyɛe ara nen.

12Gye 34.30; Eks 5.21 Na Akis gyee Dawid dii, kae sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help