1Afei Tobias buaa n'agya Tobit sɛ, M'agya, ahyɛde biara a wobɛka no mɛyɛ;
2na mɛyɛ dɛn na me nsa aka sika no afi ne nkyɛn, wɔ bere a minnim ɔpanyin no, na ɔno nso nnim me? Nsɛnkyerɛnne bɛn na minyi no adi na onhu na onnye nni, na ɔde sika no ama me. Afei minnim akwan a ɛkɔ Media, anaa mɛyɛ dɛn akɔ?
3Na Tobit buaa ne ba Tobias sɛ: Ɔde ne nhyehyɛe nhoma maa me, na ogyee mede nso, na mede biako nso hyɛɛ sika no ho. Mfe aduonu ni a mede sika no hyɛɛ ne nsa, enti hwehwɛ onipa bi a ɔyɛ ɔnokwafo na ɔne wo nkogye sika no wɔ Gabael nkyɛn mmra, na yebetua no ka.
4Heb 13.2 Nti Tobias fii adi kɔhwehwɛɛ obi a ɔne no bɛkɔ Media, na onim kwan no nso. Okohuu ɔbɔfo Rahael sɛ ogyina n'anim, nso na Tobias nnim sɛ ɔyɛ Onyankopɔn bɔfo.
5Tobias bisaa no sɛ: Aberante ɛhe na wufi? Na obuaa no sɛ: Mifi wo nuanom Israelfo mu, na maba ha rebɛhwehwɛ adwuma bi ayɛ. Tobias bisaa no sɛ: So wunim ɔkwan a ɛkɔ Midia?
6Na obuaa no sɛ: Yiw, makɔ hɔ nna pii, minim hɔ na minim akwan a ɛkɔ hɔ nso. Metaa kɔ hɔ, na mekɔ a metena yɛn busuani Gabael nkyɛn wɔ Rages a ɛwɔ Median. Efi Ekbatana kɔ Rages no yɛ nnanu kwan, efisɛ ɛda mmepɔw so, na Ekbatana nso da sare so.
7Na Tobias see no sɛ: Aberante, twɛn me, na merekɔbɔ m'agya amaneɛ, na ehia sɛ me ne wo tu me kwan yi, na metua wo ka.
8Na osee no sɛ: Kɔ na nkyɛ.
9Nti ɔkɔbɔɔ n'agya amaneɛ sɛ: Mahu obi a ɔyɛ Israelni a ɔne me bɛkɔ. N'agya ka kyerɛɛ no sɛ: Frɛ no ma me, na minhu abusua ko a ofi mu, ne sɛ ɔyɛ ɔnokwafo a.
Tobit Hyia Rafael10Enti Tobias kɔfrɛɛ no sɛ: Aberante m'agya frɛ wo. Ɔbae no Tobit kyiaa no kan, na ɔgyee no so sɛ: Anigye nka wo. Na Tobit gyee no so sɛ: Anigye bɛn na mewɔ bio? M'aniwa afura, na minhu soro sɛ kan no bio. Meda sum mu sɛ owufo a onhu hann bio. Mete ase de nanso me ne awufo yɛ pɛ. Mete nnipa nka de nanso minhu wɔn. Aberante no see no sɛ: Nya akokoduru na bere abɛn sɛ Onyankopɔn rebɛsa wo yare, hyɛ wo ho den. Na Tobit see no sɛ: Me ba yi, pɛ sɛ ɔkɔ Media, na wobetumi ne no akɔ? Metua wo ka. Obuaa no sɛ metumi, na minim akwan no nyinaa ara, efisɛ makɔ hɔ mpɛn pii. Matwam wɔ sare no so, na minim mmepɔw no so akwan nyinaa.
11Afei Tobit bisaa no sɛ: Me nua, abusua bɛn mu na wufi? Ka kyerɛ me.
12Na aberante no buaa no sɛ: Dɛn nti na wohwehwɛ m'abusua ahu? Na Tobit see no sɛ: Mepɛ sɛ mehu wo nkurɔfo, ne wo din.
13Obuaa sɛ: Wɔfrɛ me Asaria, okunini Hanania a ɔyɛ wo busuani no ba ne me.
14Na Tobit see no sɛ: Me nua, akwaaba. Mma wo bo mfuw me, sɛ merepɛ w'abusua ahu. Mahu sɛ, me ho nnipa ne wo. Efisɛ minim Hanania ne Natan, a wɔyɛ Shemelia mma baanu no, na wɔtaa ne me sian kɔ Yerusalem kɔsom, na yɛamfom. Me nua, wofi abusua pa mu. Akwaaba!
15Na ɔtoaa so sɛ: Metua wo ɔpaani da koro akatua, da biara, na wo ne me ba no ho ka biara nso, metua. Enti wo ne me ba no nkɔ.
16Gye 24.7, 40 Na eyi akyi no, sɛ mo baanu nyinaa san ba asomdwoe mu a, mɛto w'akatua mu. Na obuaa no sɛ: Nsuro, me ne no bɛkɔ. Yɛbɛkɔ asan aba asomdwoe mu, efisɛ kwan no mu nyɛ hu.
17Na Tobit see no sɛ: Me nua, nhyira nka wo. Na ɔfrɛɛ ne ba Tobias see no sɛ: Boaboa wo ho ma akwantu no, na wo ne wo nua yi nkɔ. Ɔsorosoro Nyankopɔn ne n'abɔfo nka mo ho, na ɔnsan mfa mo mmra asomdwoe mu. Enti Tobias few n'agya ne ne na ano, de kraa wɔn. Na Tobit see no sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ.
18Mmom ne na Anna fii ase sui, na osee Tobit sɛ: Dɛn nti na woasoma yɛn ba no kɔ yi? So ɛnyɛ ɔno na okura yɛn, di yɛn anim akɔneaba?
19Nnwen sika ho nsen yɛn ba yi.
20Na nkwa a Awurade de adom yɛn no ara dɔɔso ma yɛn.
21Na Tobit see no sɛ: M'awuraa, mma ɛnnhaw wo, yɛn ba no bɛsan aba dwoodwoo, ahoɔden so, na woahu no.
22Ɔbɔfo pa ne no bɛkɔ; na n'akwantu besi yiye, na ɔbɛsan aba asomdwoe mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.