1Na afei, Hiob, tie me kasa ɛ!
Na yɛ aso ma me nsɛm nyinaa.
2Hwɛ, mabue m’ano,
me tɛkrɛma rekasa me dodom.
3Me komam teeyɛ ne me nsɛm,
m’ano ka nimdeɛ kronkron.
4Onyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me,
na Otumfo no ahome na ɛmaa me nkwa.
5Sɛ wubetumi a, yi ano kyerɛ me;
Siesie wo ho m’anim, sɔre gyina.
6 Hiob 10.9 Hwɛ, me nso, meyɛ Onyankopɔn de sɛ wo ara,
anwemmo mu na wotii me nso fii.
7Hwɛ, me ho hu rentu wo koma,
na me nhyɛso renyɛ wo so duru.
8Ampa, woaka m’asom,
na mate wo nsɛm sɛ wuse:
9 Hiob 16.17; 27.6; 31 Me de, me ho tew,
mmarato nni me ho;
me ho yɛ tɔtorɔtɔɔ,
amumɔyɛ bi nni me ho.
10 Hiob 13.24; 19.11 Hwɛ, ohu ntɔkwaw nsɛm wɔ me ho,
obu me sɛ ne tamfo.
11 Hiob 13.27 Ɔde me nan hyɛ mpokyerɛ mu,
ɔkari m’akwan nyinaa.
12Hwɛ, eyi mu na wonteɛ, merebua wo;
na Onyankopɔn so sen ɔdesani.
13Adɛn nti na wo ne no ham,
sɛ ommua ne nsɛm nyinaa ho?
14Nso Onyankopɔn kasa prɛko
ne ne mprenu so,
nanso onipa nnwen ho.
15Ɔdae mu, anadwo adehu mu,
nnahɔɔ a atɔ nnipa so mu,
nnae so nkotɔ mu,
16 Hiob 36.10; Nnw 16.7 emu na obue nnipa aso,
na ɔsɔ wɔn nteɛso ano,
17 Nnw 119.67, 71 sɛ ɔbɛsan onipa afi ne nneyɛe ho,
na wayi ahantan ahintaw ɔdesani,
18na watwe ne kra afi amoa mu,
ne ne nkwa nso, na antɔ afoa ano.
19Na wɔde ɛyaw twe n’aso ne nnae so,
ne ne nnompe mu daa aperedi.
20Na ne nkwa ma aduan fono no,
na ne kra po akɔnnɔduan.
21Ne honam afɔn ma ɛyɛ huna,
na ne nnompe a anka wonhu po ada adi.
22Na ne kra bɛn ɔsɛe Amena,
na ne nkwa nso bɛn akumfo.
23 Heb 1.14 Sɛ ɔbɔfo dimafo wɔ hɔ ma no,
apem no mu biako,
sɛ ɔrekyerɛ onipa nea ɛteɛ ma no a,
24ɛno na ohu no mmɔbɔ ka sɛ: Kogye no,
na wankɔ ɔsɛe Amena no mu,
na manya agyede, a,
25 Nnw 103.5 ɛnne ne honam yɛ bɛtɛɛ sɛ mmofra de,
ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.
26Ɔkotɔ Onyankopɔn a, n’ani sɔ no,
na ohu n’anim anigye mu,
na ɔdan ɔdesani trenee ma no,
27na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ:
Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no,
nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me.
28 Hiob 33.18 Wagye me kra na ankɔ ɔsɛe Amena mu,
na me nkwa rehu hann yi.
29Hwɛ, eyinom nyinaa na Onyankopɔn yɛ
mprenu ne mprɛnsa wɔ onipa ho,
30 Nnw 56.13; 103.4 sɛ ɔbɛsan ne kra afi ɔsɛe Amena ho,
na wanya hann, nkwa hann no mu.
31Yɛ aso, Hiob, na tie me;
yɛ komm, na menkasa.
32Sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yi ano kyerɛ me,
kasa, na wo bemdi bɛyɛ me fɛ.
33Sɛ ɛnte saa a, ɛnne tie me ara,
yɛ komm na menkyerɛ wo nyansa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.