1 Nnw 143.7 AWURADE, wo na misu mefrɛ wo, me botan,
mmua w’ano wɔ me ho;
anyɛ saa na wumua w’ano wɔ me ho a,
mɛyɛ sɛ wɔn a wosian kɔ Amoa mu no.
2 1 Ah 8.30; Kwa 3.41 Sɛ misu mefrɛ wo,
na mema me nsa so
mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a,
tie me nkotɔsrɛ.
3 Nnw 26.9 Nyi me afrɛ so mfra abɔnefo ne abusuyɛfo
a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoe so,
na wɔn komam de, bɔne wɔ mu.
4Yɛ wɔn sɛ wɔn nneyɛe
ne wɔn abrabɔ bɔne te,
susuw wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn,
tua wɔn nea wɔayɛ so ka.
5 Yes 5.12 Efisɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛe ne ne nsa ano nnwuma so:
Obedwiriw wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.
6Ayeyi nka AWURADE,
efisɛ watie me nkotɔsrɛ.
7 Nnw 18.1-2 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm.
Mede me koma mato no so, na waboa me,
enti me koma ho asan no,
na mede me dwom meda no ase.
8AWURADE ne nkurɔfo ahoɔden,
nea wasra no no nkwagye aban ne no.
9 Nnw 29.11 Boa wo man, na hyira w’apɛgyade,
na yɛn wɔn, na ma wɔn so daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
