1Na afe a ɛto so dubiako, ɔsram no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Hes 25.3 Onipa ba, esiane sɛ Tiro ka Yerusalem ho sɛ:
Wiɛ, wɔabubu nkurɔfo no pon no,
ɛbɛdan aba me nkyɛn;
mɛyɛ ma,
ɛno ayɛ amamfo nti,
3 Yes 23 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Hwɛ, me ne wo anya, Tiro,
na mede amanaman bebree mɛba wo so,
sɛnea ɛpo de n’asorɔkye ba no,
4na wɔabɛsɛe Tiro afasu,
na wɔabubu n’aban atenten no;
na mɛpra ne dɔte afi mu,
na mayɛ no ɔbotan firefire;
5ɛbɛyɛ asawu hatabea ɛpo mu;
na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,
na ɛbɛyɛ amanaman asade,
6na ne mmabea a wɔwowɔ asase no so no,
wɔde nkrante bekunkum wɔn,
na wɔahu sɛ mene AWURADE.
7 Dan 2.37 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.
8 Hes 26.6 Wo mmabea a ɛwowɔ asase no so no,
ɔde nkrante bekum wɔn,
na wasi wo ho aban,
na wato wo ho mpempe,
na wama ɔkyɛm so ahyia wo,
9na ɔde ne buruw ade asisi w’afasu ho,
na ɔde n’akode adwiriw w’aban atenten.
10N’apɔnkɔ dodow nti
wɔn tutuw bɛkata wo so,
apɔnkɔsotefo ne nkyimii ne nteaseɛnam gyegyeegye nti
na w’afasu bɛwosowosow,
bere a ɔfa w’aponkɛse mu aba mu
sɛ wɔn wɔnhyɛn kurow a wɔabu mu afa mu no mu.
11Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte betiatia
wo mmorɔn nyinaa so,
ɔde nkrante bekunkum wo nkurɔfo,
na obesum w’ahoɔden adum no agu fam.
12Na wɔde w’ahonyade bɛyɛ asade,
na wɔafomfom w’aguade,
na wɔaburuw w’afasu,
na wɔadwiriw w’anigye afi,
na wɔatotow w’abo ne wo nnua ne wo dɔte agu nsu mu.
13 Yes 14.11 Na mɛma wo nnwonto huuyɛ agyae,
na w’asanku nne nso, wɔrente bio.
14Na mɛyɛ wo ɔbotan firefire,
wobɛdan asawu hatabea;
wɔrenkyekye wo bio,
na me, AWURADE, na maka,
AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
15Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Tiro ni: So ɛnyɛ w’asehwe huuyɛ, w’atɔfo apenepene, okum a wokunkumii wɔ wo mu nti na nsupɔw bɛwosowosow?
16Na ɛpo so abirempɔn nyinaa refi wɔn agua so asiansian, na wɔayiyi wɔn nguguso, na wɔaworɔworɔw wɔn nkyeremu ntade, na wɔafura ahopopo atenatena fam, na wɔn ho apopo bere nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiriw wɔn.
17Na wobetwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ:
Ai, sɛnea woasɛe ni,
wo a ɛpo mufo bɛtenaa wo mu,
kurow a wɔkamfo sɛ ɛyɛ den wɔ po mu,
Wo ne emufo a wɔma wɔn ho hu ba emufo nyinaa so no!
18Afei mpoano aman ho bɛpopo
w’asehwe da no,
na nsupɔw a ɛwɔ po mu no bo atutu, w’awiei ho.
19Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ meyɛ wo akurofo sɛ nkurow a wɔntena mu bio, sɛ mede obun meba wo so ma nsu bebree abɛkata wo so,
20mede wo mesian maka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho makɔ tete bemee nkurɔfo no nkyɛn, na mama woatena famfam asase so, nea ɛhɔ yɛ amamfo fi tete bemee no, wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn, nea ɛbɛyɛ na wɔrentena wo mu bio, na mɛyɛ anuonyanne, ateasefo asase so.
21Ade a ɛyɛ hu na mede wo mɛyɛ, na worentena hɔ bio, na wobisa w’akyi kwan a, wɔrenhu wo da biara da bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.