1Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Yakob ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhuam sɛ wɔde reba abɛsra no.
2Na da a edi nnawɔtwe kan no anɔpahema, wɔbaa ɔda no so, na awia apue.
3Na wosisee wɔn ho sɛ: Hena na obemuni ɔbo no afi ɔda no ano ama yɛn?
4Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo a ɛso kokuroo no amuni dedaw.
5Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw.
6Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!
7Yesu sorokɔ(Luka 24.50-53; Asomafo 1.4-11)
19 Nnw 110.1; Aso 7.55 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasae akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro, na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nifa.
20Heb 2.4 Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
