Luka 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Nhyɛnmu

1Esiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidiso nnidiso,

2sɛnea wɔn a wofi mfiase de wɔn aniwa hui na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfo no de abrɛ yɛn no enti,

3

29Na ne koma tui n’asɛm no ho, na ɔdwenee ho sɛ: Nkyia bɛn ni?

30Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom.

31Yes 7.14; Mat 1.21-23 Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu.

32 2 Sa 7.12-13 Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba;

na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no.

33Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.

34Na Maria see ɔbɔfo no sɛ: Eyi bɛyɛ dɛn na aba, efisɛ minnim ɔbarima biara?

35Mat 1.18; 1.20 Na ɔbɔfo no bua see no sɛ:

Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so;

enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.

36Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewabere mu; na nea wɔfrɛ no obonin no, eyi ne ne sram a ɛto so asia;

37Gye 18.14 efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.

38Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se. Na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.

Maria ne Elisabet

39Na nna no mu ara, Maria de ahoɔhare sɔre kɔɔ mmepɔw so Yuda kurow no mu,

40na ɔkɔɔ Sakaria fi kokyiaa Elisabet.

41Luka 1.15 Na ɛbae sɛ Elisabet tee Maria nkyia no, akokoaa no huruwii ne yam; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet ma,

42Luka 1.28 na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Wɔahyira wo mmea mu, na wɔahyira wo yam ade!

43Na eyi fi he sɛ m’Awurade ne na reba me nkyɛn yi?

44Na hwɛ, wo nkyia twaa m’asom ara pɛ, akokoaa no de ahosan huruwii me yam.

45Luka 11.28 Na nhyira ne nea wagye adi, efisɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.

Ayeyi dwom

46 1 Sa 2.1-10 Na Maria kae sɛ:

Me kra, kamfo Awurade,

47na m’agyenkwa Onyankopɔn ho na me honhom ho asan no;

48 Nnw 113.6-7; Luka 11.27 efisɛ wahwɛ n’afenaa ohia asetena.

Na hwɛ, efi nnɛ awo ntoatoaso nyinaa bɛfrɛ me nhyira;

49efisɛ Otumfo no ayɛ ade kɛse ama me;

na ne din ne kronkron,

50 Nnw 103.13; 103.17 na ne mmɔborohunu wɔ wɔn a wosuro no so,

awo ntoatoaso a edidi so nyinaa mu.

51 2 Sa 22.28 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne;

wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.

52 Nnw 147.6 Watu atumfo afi wɔn nhengua so,

na wapagyaw ahiafo

53 Nnw 34.10; 107.9 Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma,

na wagya ahonyafo kwan yafumpan.

54Waso n’akoa Israel mu,

sɛ ɔde bɛkae ne mmɔborohunu,

55 Gye 17.7; 18.18 sɛnea ɔka kyerɛɛ yɛn agyanom no,

ama Abraham ne n’asefo daa.

56Na Maria tenaa Elisabet nkyɛn bɛyɛ asram abiɛsa; na ɔsan kɔɔ ne fi.

Osuboni Yohane awo

57Elisabet awo duu so, na ɔwoo ɔbabarima.

58Na n’afipamfo ne n’abusuafo tee sɛnea Awurade ayɛ no adɔe kɛse no, wɔne no ani gyei.

59Gye 17.12 Na ɛbae sɛ ne nnawɔtwe so no, wɔbae sɛ wɔrebetwa abofra no twetia. Na anka wɔde no reto n’agya Sakaria,

60Luka 1.13 nanso ne na kae sɛ: Daabi, wɔmfrɛ no Yohane.

61Na wosee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa.

62Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no.

63Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane. Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa.

64Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Nyankopɔn ayɛ.

65Na ehu kaa wɔn a atwa wɔn ho ahyia nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu.

66Na wɔn a wɔtee nyinaa de siee wɔn komam kae sɛ: Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ no so.

Nhyira dwom

67Na n’agya Sakaria de, Honhom Kronkron ahyɛ no ma, na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ:

68 Luka 7.16 Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn,

efisɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;

69 Nnw 132.17 na wama nkwagye abɛn so ama yɛn,

n’akoa Dawid fi,

70sɛnea ɔde n’adiyifo kronkron a wɔwɔ hɔ fi teteete no ano kae no,

71sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo

ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;

72 Gye 17.7; Lew 26.42 sɛ obehu yɛn agyanom mmɔbɔ,

na wakae n’apam kronkron no:

73 Gye 22.16-17; Mika 7.20 Ntam a ɔka kyerɛɛ yɛn agya Abraham sɛ

74 Tito 2.12; 2.14 ɔbɛma wɔayi yɛn afi yɛn atamfo nsam,

na yɛasom no a ehu nni mu,

75ahotew ne trenee mu wɔ n’anim, yɛn nna nyinaa.

76 Mat 3.3 Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo;

efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,

77 Yer 31.34 na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man,

wɔ wɔn bɔnefakyɛ a

78 Num 24.17; Yes 60.1-2; Mal 4.2 efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu.

Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so,

79 Yes 9.2 sɛ ɛbɛhyerɛn ama wɔn a wɔtete sum mu ne owu sunsuma ase,

na wagye yɛn taataa akɔ asomdwoe kwan so.

80 Mat 3.1 Na abofra no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help