1 Samuel 25 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Samuel wu

1 1 Sa 28.3 Na Samuel wui; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ho ano begyam no, na wɔkoraa no ne fi wɔ Rama.

Na Dawid sɔre sian kɔɔ Paran sare so.

2Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.

3Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail. Na ɔbea no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no de, ɔyɛ den, na ne nneyɛe nye; nso ɔyɛ Kalebni.

4Na Dawid tee sare so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nguan ho.

5Na Dawid somaa mmerante du, na Dawid ka kyerɛɛ mmerante no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyia no mma me.

6Na munse no sɛ: Asomdwoe nka wo, asomdwoe nka wo fi, na asomdwoe nka nea wowɔ nyinaa.

7Na afei, mate sɛ wowɔ nguan ho twitwafo; afei wo nguanhwɛfo a wowɔ wɔn no ne yɛn tenae no, yɛanhunahuna wɔn, na wɔn biribiara nso anyera bere a wɔtenaa Karmel no nyinaa;

8bisabisa wo mmerante no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmerante no nnya w’anim anuonyam, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa nea ɛtɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!

9Na Dawid mmerante no dui no, wɔde Dawid din kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal, na wɔtwɛnee.

10Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hena ne Dawid na hena ne Yese ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtetew wɔn ho fi wɔn wuranom ho dɔɔso.

11Na memfa m’aduan ne me nsu ne me nam a makum de rema me nguan ho twitwafo no memma nnipa a minnim nea wofi anaa?

12Ɛnna Dawid mmerante no dan wɔn ho sii kwan so, na wɔsan bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.

Dawid ne Abigail

13Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrante. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrante, na Dawid nso bɔɔ ne nkrante, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nneɛma no ho.

14Na mmerante no mu biako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ: Hwɛ, Dawid somaa abɔfo fi sare so bekyiaa yɛn wura, na opoopoo wɔn.

15Nso nnipa no ye ma yɛn sɛ, na wɔanyɛ yɛn bɔne bi, na yɛwɔ wuram hɔ a yɛne wɔn nam no nyinaa, yɛn biribiara anyera da;

16wɔyɛɛ yɛn ho ɔfasu anadwo ne awia, bere a yɛne wɔn te a yɛrehwɛ nguan no nyinaa.

17Na afei hwɛ, na dwen nea wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fi nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔbahuhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.

18Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa abodoo ahanu, ne nsa ntumpan abien ma, ne nguan anum a wɔasiesie wɔn, ne nkyeweɛ susuwade anum, ne asikresam aba nkotoku ɔha, ne brodoma aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahanu de soaa mfurum,

19na ɔka kyerɛɛ ne mmerante no sɛ: Monsen nni me kan, hwɛ, meredi mo akyi maba. Na ne kunu Nabal de, wanka ankyerɛ no.

20Na ɔte afurum so resian aba bepɔw no ase no, na hwɛ, Dawid ne ne nnipa no nso resian ahyia no, na ohyiaa wɔn.

21Nso Dawid aka sɛ: Ɔkwa ara kwa na mahwɛ oyi ade a ɔwɔ sare so nyinaa so, na nea ɛyɛ ne de nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu.

221 Ah 14.10 Sɛ ekosi ɔkyena anɔpa, migyaw n’ade a ɔwɔ nyinaa mu onini biako pɛ po a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfo sa na ɔnka ho sa!

23Na Abigail huu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm fii n’afurum so sii fam, na ɔde n’anim butuw Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,

24na ɔde ne ho hwee ne nan ase kae sɛ: Me wura, me so na amumɔyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’asom ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.

25Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din te no, sɛ ɔte ara ne no, Nabal ne ne din, agyennyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa de, manhu me wura mmerante a wosomaa wɔn no.

26Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.

27Na afei, akyɛde a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmerante a wodi me wura akyi no.

28Fa ɔso yi firi w’afenaa ɛ! Na ampa ara, AWURADE bɛkyekye ofi a atim ama me wura, efisɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhu wo mu bɔne bi wo nna nyinaa mu.

29Na sɛ onipa asɔre retiw wo abɛhwehwɛ wo akum wo a, ɛnne wɔnkyekyere me wura ɔkra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra de, wɔntow no sɛ ade a efi ataabo mu.

302 Sa 5.2 Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a,

31me wura werɛ renhow na ne koma remmɔ no paa, sɛ waka mogya agu kwa anaasɛ me wura ankasa atɔ were. Na AWURADE bɛyɛ me wura yiye, na woakae w’afenaa.

32Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi.

33Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho so, na mamfa m’ankasa nsa mantɔ were.

34Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te ase yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal.

35Ɛnna Dawid gyee nea ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ wo fi asomdwoe mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim.

36Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, watow ne ho pon ne fi hɔ sɛ ɔhene pon; na Nabal ani agye ne ho, na wabow tintaan. Na wanka no hwee kosii n’adekyee.

37Na anɔpa a nsa tetew Nabal ani so no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na ne koma gyenee ne yam, na ɔdan sɛ ɔbo.

38Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na owui.

39Na Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa no so were ama me na waso n’akoa mu afi bɔne ho, AWURADE adan Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma ne Abigail kɔkasae sɛ ɔbɛfa no aware.

40Na Dawid nkoa no duu Abigail nkyɛn Karmel kɔka kyerɛɛ no sɛ: Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware.

41Na ɔsɔre bɔɔ ne ti ase kotowee, kae sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho.

421 Sa 27.3; 30.5 Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afurum so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan ase, na odii Dawid abɔfo no akyi kɔyɛɛ ne yere.

43Na Dawid waree Ahinoam a ofi Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.

442 Sa 3.15 Na Saul de ne ba Mikal, Dawid yere no, ama Lais ba Palti a ofi Galim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help