Kwadwom 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn man no amanehunu ne wɔn awerɛkyekye

1Mene ɔbarima a wahu amane,

wɔ n’anibere abaa no ano!

2Waka me de me akɔ sum mu,

nea hann nni;

3me nko so na ɔdan ne nsa ba,

dan ba, daa adesae.

4Wama me honam ne me were ayɛ afo,

wabubu me nnompe.

5Wato fasu afa me ho,

na ɔde bɔre ne brɛ atwa me ho ahyia;

6 Nnw 143.3 ɔde me atena sum mu,

sɛ tete bemee awufo.

7 Hiob 19.8 Wabɔ me ho ban, na mintumi mimfi adi,

wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;

8 Nnw 22.2; 69.3 mpo sɛ meteɛm na misu mefrɛ no a,

osiw me mpaebɔ kwan;

9ɔde abo a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasu,

wakyeakyea m’akwan.

10 Hiob 10.16 Ɔyɛ osisi a ɔtɛw me,

ne gyata a wahintaw;

11watwe me afi m’akwan so, na watetew me mu,

wayɛ me pasaa.

12Wakuntun ne ta mu

na ɔde me asi hɔ sɛ botae ama agyan;

13wama ne kotoku mu agyan

ahyɛn m’asaabo mu.

14 Hiob 30.9 Mayɛ me man nyinaa asereserede

ne wɔn dwom daa adesae.

15Wama ade nwenenwene ara nko amee me,

wama awɔnwene abow me.

16Ɔde me se awe mmosea,

wabrɛ me ase ahyɛ nso mu.

17Woasum me kra afi asomdwoe ho,

me werɛ afi sɛnea ahotɔ te,

18na mise: M’anidaso ne nea mehwɛ

AWURADE kwan wɔ ho no ayera!

19Mekae m’amane ne m’ahometew a,

ɛyɛ awɔnwene ne bɔre nko!

20Me kra kae daa,

na abrɛ ase me mu.

21Mede eyi mehyɛ me koma mu,

eyi so na mɛtwɛn ara:

22 Neh 9.31 Ɛyɛ AWURADE adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ,

na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ:

23Ɛyɛ foforo daa anɔpa;

wo nokwaredi dɔɔso.

24 Nnw 16.5; 73.26 Me kra se: AWURADE ne me kyɛfa,

ɛno nti m’ani da no so ara.

25AWURADE ye ma wɔn a wɔhwɛ no kwan,

ma ɔkra a ɔhwehwɛ n’akyi kwan no.

26 Rom 12.12 Eye sɛ wɔyɛ komm

twɛn AWURADE nkwagye;

27eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua

ne mmerantebere mu.

28Sɛ ɔde to no so a,

ma ne nko ntena ase, na ɔnyɛ komm;

29ma ɔmfa n’ano mmutuw dɔte mu,

ebia anidaso bi wɔ hɔ;

30ma ɔmfa n’afono mma nea ɔbɔ no,

ma ahohora mmee no.

31Na Awurade rentow nkyene daa;

32 Yes 54.8 na sɛ ɔhyɛ wo awerɛhow mpo a, ne yam hyehye no ara,

sɛ n’adɔeyɛ dodow no te;

33efisɛ ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yaw

anaa ɔbɛhaw nnipa mma.

34Asase so nneduafo nyinaa,

ne nan ase na ɔpɛtɛw wɔn,

35obi bu obi atɛnkyew a

ɛwɔ ɔsorosoroni no anim,

36sɛ obi dan onipa asɛm ani a:

So AWURADE nhu anaa?

37 Yes 45.7; Amos 3.6 Hena na ɔka na ɛba mu,

bere a Awurade nhyɛe ɛ?

38So ɛnyɛ ɔsorosoroni no anom

na mmusu ne papa fi?

39Adɛn na onipa a ɔte ase di asotwe ho nkɔmmɔ,

ɛfa ne bɔne ho?

40Momma yɛmpɛepɛe yɛn akwan mu nhwehwɛ mu,

na yɛnsan mmra AWURADE nkyɛn.

41Momma yɛmmoma yɛn koma

ne yɛn nsa so nkyerɛ Onyankopɔn ɔsoro.

42 Nnw 106.6; Dan 9.5 Yɛn ara na yɛato mmara na yɛatew atua,

wo nso woamfa amfiri.

43Wode abufuw kataa wo ho, na wutiw yɛn,

woakum, woankyɛe so.

44Wode omununkum kataa wo ho,

na mpaebɔ amfa mu annu wo nkyɛn.

45Wode yɛn ayɛ nwura dodow ne akyide,

aman no mfinimfini.

46Yɛn atamfo nyinaa

ahanhan wɔn anom ahyɛ yɛn.

47Ehu ne oku,

ɔsɛe ne pasaayɛ abɛda yɛn hɔ.

48 Yer 9.1 M’aniwa sen nsu sɛ asuten,

me man babea pasaayɛ ho.

49M’aniwa kyi nsu, na ennyae,

ennya atwaye,

50kosi sɛ AWURADE besi ne ti ase

afi soro ahwɛ.

51 Kwa 2.11 M’aniwa hyɛ me awerɛhow,

me kurow mmabea nyinaa nti.

52M’atamfo taa me kwa

sɛ anomaa.

53Wɔtow me kyenee abura mu anikan,

na wosiw me abo;

54nsu bu kataa me ti so;

na mise: Wɔatwa me akyene.

55 Nnw 130.1 Mifi abura ase tɔnn

meteɛɛm mefrɛɛ wo din, AWURADE.

56Wutiee me nne,

nsiw w’aso m’ahomegu ne me sufrɛ ho.

57Wutwiw bɛnee, da a mefrɛɛ wo no;

wokae sɛ: Nsuro!

58O Awurade, woadi me kra asɛm ama me;

woagye me nkwa!

59AWURADE, woahu asɛmmɔne a wodii me;

bu atɛn ma me!

60Woahu wɔn aweretɔ no nyinaa,

wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa.

61AWURADE, woate wɔn nsopa nyinaa,

wɔn tirimpɔw a wɔbɔ no me ho nyinaa!

62Wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ano,

ne wɔn adwene a wodwen me ho daa adesae,

63 Kwa 3.14 hwɛ wɔn asetena ne wɔn sɔre ɛ!

Me ara mene wɔn dwom.

64 Kwa 1.21; Nnw 137.8 AWURADE hyɛ wɔn ananmu,

sɛ wɔn nsa ano nneyɛe te.

65Ma nkataso nkata wɔn koma so,

na wo nnome mmra wɔn so.

66Tiw wɔn, abufuw mu,

na sɛe wɔn fi wo AWURADE soro ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help