1 Luka 1.13 Na nna no mu no, Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so
2Mat 4.17 sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.
3Yes 40.3; Yoh 1.23 Na oyi ne nea Odiyifo Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ:
Obi nne teɛm sare so sɛ:
Munsiesie Awurade akwan!
Momma n’atempɔn nteɛ!
4 2 Ah 1.8 Nso na Yohane yi fura ntama a wɔde yoma nwi na ayɛ, na aboa nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.
5Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa ne Yordan ho asase nyinaa sofo fi kɔɔ ne nkyɛn;
6na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.
7Mat 23.33 Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?
8Ɛnne monsow aba a ɛfata adwensakra.
9Rom 2.28-29; 4.12; Yoh 8.33; 8.39 Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.
10Luka 13.7-9 Nanso wɔde abonnua no ato nnua no ntini ho dedaw; enti dua biara a ɛnsow aba pa no, wobetwa ato ogya mu.
11 Yoh 1.26-27; 1.33; Aso 1.5 Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.
12Mat 13.30 Ɔno na ne nhuwso apaawa kita ne nsam, na ɔbɛpra awiporowee hɔ fitaa, na waboaboa n’awi ano akogu san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.
Yesu asubɔ(Marko 1.9-11; Luka 3.21-22; Yohane 1.31-34)13Ɛnna Yesu fii Galilea baa Yordan ho Yohane nkyɛn sɛ ɔmmɔ no asu.
14Na ɔno de, osiw no kwan sɛ: Me mmom a ehia me sɛ wobɔ me asu no na woba me nkyɛn yi?
15Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.
16Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.
17Mat 17.5; Yes 42.1 Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
