Sefania NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUOdiyifo Sefania kaa Onyankopɔn asɛm no wɔ mmere a mfe ahansɔn ansa na wɔwo Kristo no reba n’awiei. Eyi bɛyɛ mfe du ansa na Ɔhene Yosia resesɛw Onyankopɔn som no ho foforo wɔ mfe ahansia aduonu biako ansa na wɔwoo Kristo no mu. Nhoma no kura adiyifo no botae a yɛtaa te no. Da bi ɔsɛe bɛba, na wɔde eyi hu mmere a wɔbɛtwe Yuda aso esiane sɛ wasom anyame foforo nti, Onyankopɔn bɛtwe aman a aka no nso aso. Ɛwom sɛ, wɔde ɔsɛe asusuw Yerusalem de, nanso ne bere mu no ahenkurow no bɛde ne ho, na ahobrɛasefo ne treneefo atena hɔ.EMU NSƐMOnyankopɔn atemmu da no 1.1—2.3

Aman a atwa Israelfo ho ahyia no asotwe 2.4-15

Yerusalem asotwe ne ne nkwagye 3.1-20

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help