Nyansa 3 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atreneefo Nkrabea

1Mmom atreneefo kra wɔ Onyame nsam,

na ahoyeraw biara renka wɔn da.

2 Nya 4.17 nkwasea ani so de,

wobu wɔn sɛ wɔawuwu

na wosusuu sɛ wɔn nkɔe no yɛ amanehunu,

3na sɛ wɔafi yɛn mu kɔ no,

wɔfa no sɛ ɛyɛ ɔsɛe;

mmom wɔte asomdwoe mu.

4Na ɛwom sɛ nnipa ani so de wɔtwee wɔn aso,

nanso wɔn anidaso yɛ nkwa a enni awiei.

5 Rom 8.18; 2 Ko 4.17 Wohu amane kakra ansa a,

wobenya yiyedi a ɛso,

efisɛ Onyankopɔn sɔɔ wɔn hwɛe

na ohuu wɔn sɛ wɔfata n'ankasa;

6ɔsɔɔ wɔn hwɛe sɛ sika a ɛwɔ gya mu

na ɔgyee wɔn sɛ ahofama hyew afɔre.

7Wɔn nsrahwɛ bere mu wɔbɛhyerɛn,

na wobetutu mmirika sɛ nyansrama, na wɔrenhintiw.

8Wobedi aman so

tumi na wɔahwɛ nkurɔfo so,

na AWURADE bedi wɔn so hene afebɔɔ.

9Wɔn a wɔn werɛ hyɛ AWURADE mu no

bɛte nokwasɛm no ase,

na anokwafo ne no bɛtena ɔdɔ mu,

esiane sɛ n'adom ne n'ahumɔbɔ wɔ

n'ahotewfo so,

na ɔwɛn n'akronkronfo.

Amumɔyɛfo Nkrabea

10Mmom amumɔyɛfo de wɔbɛtwe wɔn aso

sɛnea ɛfata wɔn adwene ne wɔn nsusuwii,

wɔn a wɔammu onipa trenee bi

na wɔtew AWURADE so atua;

11efisɛ obiara a ɔpo nyansa ne

nkyerɛkyerɛ no, yɛ mmɔbɔ.

wɔn anidaso yɛ ɔkwa,

mfaso nni wɔn brɛ mu,

na wɔn nnwuma yɛ hunu.

12Wɔn yerenom yɛ nkwasea, na wɔn mma nye;

13wɔadome wɔn asefo.

Abrabɔpa ho Mfaso

Mmom nhyira ne ɔbea obonin a

onguu ne ho fi ɛ,

na ɔnkɔhyɛn abɔnefo agyina mu;

obenya akatua wɔ bere a Onyankopɔn

rehwehwɛ akra mu no.

14Nhyira nka ɔkrawa nso a

ne nsa nyɛɛ bɔne,

na onnsusuw awurukade ho

mmfa ntiaa AWURADE;

efisɛ obenya AWURADE nsam adom sonowonko

wɔ ne nokwaredi ho,

na wanya beae pa wɔ

AWURADE asɔrefi.

15Efisɛ nnwuma pa so aba yɛ atenka pa,

na ntease fapem ntumi ntutu.

16Na mmofra nguammanfo renkye ade,

na aware a mmara mma ho kwan mu mma bɛyera.

17Mpo sɛ wɔn nkwa nna ware a,

wɔrennya anuonyam bi wɔn mpanyinbere mu.

18Sɛ wowu ntɛm a,

anidaso bi nni hɔ ma wɔn

na wɔrennya awerɛkyekye, atemmuda no.

19Efisɛ mma adebɔneyɛfo awiei

yɛ awerɛhow.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help