Yudit 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yudea da ne ho so

1Saa bere no, Israelfo a wɔwɔ Yudea tee nea Holoferne a ɔyɛ Nebukadnesar, Asiriahene no sahene ayɛ atia amanaman no, ne sɛnea wasi afom nneɛma na wasɛe wɔn abosomfi no nyinaa.

2Enti wɔtee sɛ ɔreba no, wɔn koma tui pa ara, na wɔbɔɔ hu wɔ Yerusalem ne Awurade Nyankopɔn asɔrefi no ho.

3Efisɛ wofi nnommum mu bae nkyɛe, na afei na Yudeafo nyinaa aka wɔn ho abom foforo, na wɔatew asɔrefi nkuruwa kronkron no ne afɔremuka no ho.

4Ne saa nti wɔsoma kɔɔ Samaria mansin biara mu ne Kona, Bethoron, Belmain, Yeriko, Koba, Aesora ne Salem bon no mu.

5Na ntɛm ara na asraafo no hyiae wɔ mmepɔw atenten no atifi, na wɔbɔɔ nkurow nketewa no ho ban, na wɔde nnuan siei de yɛɛ ahoboa twɛn ɔko, efisɛ na wobuu wɔn nnɔbae nkyɛe.

6Na ɔsɔfopanyin Yoakim saa bere no na ɔwɔ Yerusalem no, kyerɛw nhoma kɔmaa nkurɔfo a wɔwɔ Betulla ne Betomestiam a ɛkyerɛ Esdraelon, na ɛne petee a ɛbɛn Dotan di nhwɛanim no,

7kosee wɔn sɛ, wonsiw akwan a ɛdeda nkoko no so no, efisɛ atamfo betumi afa hɔ abɛtoa Yudea, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobesianka obiara a ɔbɛpɛ sɛ ɔfa hɔ, efisɛ ɔkwan no nterɛw, na ɛterɛw ma nnipa baanu pɛ sɛ wobetwam bere koro.

Mpaebɔ ne ahonu

8Nti Israelfo, yɛɛ sɛnea ɔsɔfopanyin Yoakim ne ɔman mpanyimfo a wɔwɔ Israel a saa bere no wohyiae wɔ Yerusalem, kae sɛ wɔnyɛ no.

9Na obiara a ɔwɔ Israel su frɛɛ Onyankopɔn anibereso, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase dii mmuada pii.

10Wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma, wɔn anantwi, ahɔho a wɔtete ɔman no mu, ɔpaani a ogye da koro akatua, ne akoa a wɔtɔɔ no, nyinaa furafuraa ayitama wɔ wɔn asen.

11Na Israel mmarima ne mmea, wɔn mma nyinaa a wɔwɔ Yerusalem, bubuu nkotodwe, dedaa fam wɔ asɔrefi no anim na wɔde nso petee wɔn ti so, na wɔtrɛwtrɛw wɔn ayitama mu wɔ Awurade anim.

12Afɔremuka no mpo, wɔde atweaatam duraa ho, na wɔbɔɔ mu de nokoro sui, bɔɔ mpae dennen srɛɛ Israel Nyankopɔn anibere so sɛ: Ɔmmma atamfo mmɛfa wɔn mma ne wɔn yerenom nnommum, na wɔnnsɛe wɔn nkurow a wɔde agyaw wɔn no; na amanaman mufo amfa ahurusi ammegu kronkronbea no ho fi.

13 He Est 4.16 Na Awurade tiee wɔn mpaebɔ na ohuu wɔn amanehunu; esiane sɛ nkurɔfo dii mmuada nna pii wɔ Yudea ne Yerusalem nyinaa wɔ Awurade kronkronbea no anim.

14Yoel 2.17 Na ɔsɔfopanyin Yoakim ne asɔfo nkae no nyinaa de ayitama sisii wɔn asen, na wɔbɔɔ daa daa ɔhyew afɔre, nnipa no ti so afɔre, ne ahofama afɔre maa Awurade.

15Wɔbobɔɔ wɔn mmotiri a wɔde nso agugu ho, na wɔde wɔn ahoɔden nyinaa su frɛɛ Awurade, de srɛɛ adom maa Israel fi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help