Sirak 44 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yɛn nenanom ho ayeyi dwom

1Momma yɛnto dwom nkamfo yɛn akuninifo,

yɛn agyanom wɔ wɔn bere so.

2Awurade na ɔmaa wɔn nidi kɛse,

efi n’ahenni mfiase.

3Nnipa wɔ hɔ a wodii tumi wɔ wɔn aheman mu,

na wonyaa din wɔn akokoduru nti,

ebinom tuu fo wɔn nyansa nti,

afoforo hyɛɛ nkɔm;

4wɔn a wɔde wɔn afotu maa nkurɔfo akwankyerɛ,

na wonim wɔn nkurɔfo abakɔsɛm,

wɔyɛ anyansafo wɔ wɔn nsɛm a wɔde kyerɛkyerɛ no mu;

5wɔn a wɔyɛɛ sanku so nnwom

na wɔkyerɛwkyerɛw no anwensɛm;

6asikafo a wɔn nsam ye

na wɔte asomdwoe mu wɔ wɔn afi mu

7wɔhyɛɛ eyinom nyinaa anuonyam wɔn bere so

na wɔyɛ animdefo wɔ wɔn bere so.

8Wɔn mu binom agyaw din,

ama afoforo ayi wɔn ayɛ.

9Na ebinom nso nni nkae biara,

wɔayera sɛ gyama wɔnntenaa ase da;

wɔayɛ sɛ gyama wɔannwo wɔn mpo,

wɔn ne wɔn mma a edii wɔn akyi nyinaa.

10Nanso eyinom nso yɛ nyamesurofo a,

wɔn ade trenee nso wɔda so kae;

11wɔn ahonyade bɛka wɔ wɔn asefo mu,

na wɔn agyapade bɛka wɔn mma mma mu.

12Wɔn asefo di apam no so;

wɔn mma nso yɛ saa ara, ɛnam wɔn nti.

13Wɔn mma bɛtena ase atoa so afebɔɔ,

na wɔn anuonyam rempopa da.

14Wosiee wɔn amu asomdwoe mu

na wɔn din wɔ hɔ daa nyinaa.

15Nkurɔfo bɛka wɔn nyansa akyerɛ

na asafo no bɛbɔ wɔn ayɛyi ho dawuru.

Enok

16 Gye 5.24; Heb 11.5; Yuda 14 Enok sɔɔ Awurade ani na wɔfaa no kɔɔ soro,

ɔyɛɛ susudua wɔ ahonu mu de maa mmeresanten nyinaa.

Noa

17 Gye 6.9—9.17 Wohuu Noa sɛ odi mu na ɔteɛ;

abufuhyew bere mu no woyii no fii mmusu mu;

ne saa nti ogyaw nkae wɔ asase so

bere a nsuyiri bae no.

18Wɔne no yɛɛ apam a enni awiei;

sɛ wɔremfa nsuyiri nsɛe ɔhonam nyinaa bio.

Abraham

19 Gye 15.1—17.27; 22.1-18 Abraham ne amanaman nyinaa agya panyin,

na wonhuu ne so obiara a ɔne no sɛ wɔ anuonyam mu;

20Odii Ɔsorosoroni no mmara so,

na ɔne no yɛɛ apam;

ɔhyɛɛ no den ɔhonam fam,

na bere a wɔsɔɔ no hwɛe no, wohuu no ɔnokwafo.

21Saa nti Awurade de ntanka sii no pi maa no,

sɛ wɔnam n’asefo so behyira aman;

sɛ ɔbɛma n'asefo adɔɔso sɛ asase so mfutuma,

na wakrɔn n’asefo sɛ nsoromma,

na wama wɔn agyapade afi po ano akosi po ano,

na afi asubɔnten Efrate ho akodu asase awiei.

Isak ne Yakob

22 Gye 17.19; 26.3-5; 27.28; 28.14 Isak nso wɔhyɛɛ no bɔ saa ara,

ɛnam n’agya Abraham nti.

23Ɔma ɔde ne ti too Yakob so,

ɔmaa Yakob nhyira sii pi,

na ɔde n’agyapade maa no;

ɔkyekyɛɛ n’agyapade mu,

de maa mmusuakuw dumien no.

Mose

N'asefo mu na Awurade maa nyamesurofo sɔree

na wonyaa Awurade anim dom.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help