Tobit NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUWodii kan kyerɛw Tobit nhoma no wɔ Hibri anaa Arameik kasa mu. Ɛyɛ nsɛm bi a wɔkyerɛw no bere a Onyankopɔn nam anwonwa kwan so boaa ne nkurɔfo a wodii no nokware no. Ɛsan nso kyerɛ Yudafo abrabɔ kronkron ne suban pa. Nhoma yi twa Yudafo nyamesom no mfonini pefee fi nea wɔwɔ mu ansa na Apam Foforo no reba no de kyerɛ.Emu nsɛmTobit wɔ Niniwe ne Sara wɔ Media, wohu amane na wɔbɔ mpae 1.1—3.15Wonya wɔn mpaebɔ no ho mmuae 3.16—11.18(i) Nyankopɔn tie wɔn mpaebɔ na ɔsoma ɔbɔfo Rafael. 3.16, 17(ii) Tobit tu ne ba Tobias fo 4.1-21(iii) Rafael ne Tobias tu kwan kɔ Media 5.1—7.12(iv) Tobias ware Sara 7.13—9.6(v) Rafael ne Tobias ne Sara san ba, na ɔbɛsa Tobit anifurae yare no. 10.1—11.18Ɔbɔfo Rafael da no ho adi 12.1-22Tobit yi Nyankopɔn ayɛ na otu Tobias fo 13.1—14.15