Sirak 51 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Sirak ba Yesu mpaebɔ

1-2Meda wo ase, O Awurade ne Ɔhene,

na mehyɛ wo anuonyam,

O me Nyankopɔn ne M’Agyenkwa.

Meda wo ase wo din nti.

efisɛ wo na woabɔ me ho ban, na woayɛ me boafo nso,

na woayi me afi ɔsɛe mu

ne ɔtɛkrɛmafo afiri mu,

ne anofafa a ɛka atorosɛm mu.

Wo na woyɛɛ me boafo

wɔ m'atamfo anim,

3na wogyee me,

wo din ne w'ahummɔbɔ kɛse nti,

fii wɔn se a wɔtwɛree sɛ wɔde bɛmene me mu,

fii wɔn a wɔhwehwɛɛ me kra nsam,

fii ɔhaw pii a ɛbaa m'akwan mu.

4fii ogyatanaa a ɛdɛw twaa me ho hyiae no mu,

na wogyee me fii ogya a, ɛnyɛ me na mesɔe mu.

5fii asaman nsam,

fii ano fi, ne ɔtorofo nsam,

6fii ɔfatwafo nsam de kɔɔ ɔhene nkyɛn.

Me kra twiw bɛnee owu,

na me nkwa nso bɛnee asaman tɔnn.

7Wotwaa me ho hyiaa baabiara,

na ɔboafo bi nni hɔ;

m'ani daa nnipa mmoa so,

nanso ɔkwa.

8Na mekae w'ahummɔbɔ no, O Awurade,

ne w'ayamye no,

sɛ wugye wɔn a wɔtwɛn wo no,

fi wɔn atamfo nsam.

9Na mebɔɔ mpae fii asase so,

srɛɛ sɛ gye me fi owu mu.

10Meteɛm sɛ: Awurade wo ne m’agya,

nnyaw me m’amanehunu bere yi mu,

bere a mmoa mfi baabi de tia ahomasofo yi.

11Mɛkamfo wo daa,

na mede nnaase bɛto ayeyi dwom.

Wutiee me mpaebɔ,

12efisɛ wogyee me fii ɔsɛe mu

na wogyee me fii ɔhaw mu.

Saa nti meda wo ase na mɛkamfo wo,

na mehyira Awurade din.

Obi asetena mu anwonwasɛm a ɛfa nyansa ho

13Meyɛ abofra no, ansa na merebetu kwan no,

mehwehwɛɛ nyansa petee mu wɔ mpaebɔ mu.

14Mehwehwɛɛ no asɔrefi anim,

na mehwehwɛ no ara kosii awiei.

15Efi bobe aba nhwirengu de kosi twabere,

me koma nyaa ho anigye,

m’anammɔn faa ne kwan trenee so;

efi me mmerantebere mu na midii n’anammɔn akyi.

16Mewɛn m’aso kakra na mitiee no,

na menyaa adesua pii fii ne nkyɛn.

17Mituu mu anammɔn;

na nea ɔma nyansa no, meyi no ayɛ.

18Mebɔɔ me tirim sɛ mede nyansa bɛbɔ bra,

na minyaa ɔpɛ wɔ papayɛ ho,

na ɛrenni me huammɔ da.

19Me kra ne nyansa dii aperepere,

na mehyɛɛ me ho so, wɔ me nneyɛe ho;

meterɛw me nsam kɔɔ soro,

na midii yaw sɛ minni ne ho nimdeɛ.

20Mekyerɛɛ me kra ne hɔ kwan,

na mihuu no wɔ kronkronyɛ mu.

Ne nti minyaa ntease fii mfiase,

ne saa nti, worennyae me ara da.

21Me koma peree pɛe sɛ mehu no,

ne saa nti manya ade pa.

22Awurade maa me tɛkrɛma sɛ m’akatua

a mede beyi no ayɛ.

23Mo a munni nimdeɛ no, ntwiw mmɛn me,

na mommɛtena ofi a kyerɛkyerɛ wom,

24Dɛn nti na woka sɛ wunnim saa nneɛma yi,

na dɛn nti na saa nneɛma yi ho nsukɔm de mo dennennen saa?

25Mibuee m’ano kae sɛ,

monnye saa nneɛma yi mma mo ho,

wɔmmfa sika nntua ka.

26Fa wo kɔn hyɛ ne kɔnnua ase,

na momma mo kra nnya kyerɛkyerɛ;

wobehu no, wo nkyɛn ha pɛɛ.

27Fa w'aniwa hwɛ na hu sɛ mayɛ adwuma kakra,

na manya asomdwoe ara yiye.

28Tie me kyerɛkyerɛ kakra,

na wonam so benya dwetɛ ne sika kɔkɔɔ.

29Ma wo kra ani nnye wɔ Onyankopɔn o nti,

na mfɛre da sɛ wobeyi no ayɛ.

30Yɛ w’adwuma bere pa mu,

na Onyankopɔn bɛma wo akatua ne bere mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help