1 Yes 1.1; 2 Ah 14.23; Amos 1.1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahene Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia bere so ne Israel hene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba bere so ni.
2 Hos 3.1 Mfiase a AWURADE ne Hosea kasae no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa aguaman ne aguamammɔ mma, na aguaman na asase no afi AWURADE akyi rebɔ.
3Na ɔkɔe kɔfaa Diblaim babea Gomer, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin maa no.
4 2 Ah 10.30 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakraa na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fi, na mama Israel fi ahenni no to atwa.
5Na ɛda no, mebubu Israel ta, Yesreel bon no mu.
6 Hos 2.1, 23 Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.
7Na Yuda fi na mehu wɔn mmɔbɔ, na magye wɔn nkwa, AWURADE wɔn Nyankopɔn mu, nanso meremfa ɔta ne nkrante ne akodi ne apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefo so minnye wɔn.
8Na otwaa Lo-ruhama nufu, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin.
9Hos 2.1, 23 Na ose: To no din sɛ Lo-ami ase ne: Ɛnyɛ me man, na monyɛ me man, na me nso merenyɛ mo Nyankopɔn.
Israel foforoyɛ10 Gye 22.17; Rom 9.26 Nanso Israel mma dodow bɛyɛ sɛ mpoano nwea a wonsusuw na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Onyankopɔn teasefo mma.
11Yes 11.11-13; Yer 3.18; Hes 37.22 Na Yuda mma ne Israel mma bɛbom ahyia, na wɔasi ti biako afa, na wɔaforo afi asase no so aba; na Yesreel da no bɛyɛ da kɛse.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
